Nhyehyɛe Ma Dapɛn a Efi Ase August 26
DAPƐN A EFI ASE AUGUST 26
Dwom 63 ne Mpaebɔ
□ Asafo Bible Adesua:
jr ti 13 ¶14-19 (Simma 30)
□ Teokrase Ɔsom Sukuu:
Bible akenkan: Romafo 13-16 (Simma 10)
Teokrase Ɔsom Sukuu Ntĩmu (Simma 20)
□ Ɔsom Nhyiam:
10 min: “Si Bible Adesua a Yebefi Ase wɔ Memeneda a Edi Kan so Dua.” Ɔkasa. Ɛno akyi no, kyerɛ sɛnea yebetumi afi Bible adesua ase wɔ Memeneda a edi kan wɔ September mu no mu. Hyɛ wɔn nyinaa nkuran ma wɔmfa wɔn ho nhyem.
10 min: Akwan a Wɔfa So Ka Asɛmpa No—Asɛnka Kuw Asasesin ne W’ankasa Asasesin. Ɔkasa ne nkɔmmɔbɔ a egyina Nhyehyɛe nhoma no kratafa 102, nkyekyɛm 3, kosi kratafa 104, nkyekyɛm 1 so. Bisabisa nea ɔhwɛ asafo no asasesin so no nsɛm ma ɔnkyerɛ nhyehyɛe a ɛwɔ hɔ a wobetumi afa so agye asasesin ne sɛnea wɔbɛyɛ mu adwuma.
10 min: Nea Enti a Yɛnyɛ Atoro Adiyifo. Ɔkasa ne nkɔmmɔbɔ a egyina Reasoning nhoma no kratafa 136, nkyekyɛm 2, kosi kratafa 137 awiei so. Ma wɔmfa nyansahyɛ a ɛwɔ kratafa 137 no mu biako nyɛ ɔyɛkyerɛ.
Dwom 116 ne Mpaebɔ