Onyankopɔn Asɛm Wɔ Tumi
1. Dɛn ne da koro nhyiam titiriw a yɛbɛyɛ wɔ afe 2014 ɔsom afe mu no asɛmti?
1 Bible no yɛ soronko koraa wɔ biribiara a nnipa a wɔnyɛ pɛ atumi ayɛ ho. Ɛwɔ tumi a ɛma yetumi sakra yɛn adwene ne yɛn abrabɔ ma ɛne Yehowa apɛde hyia. Onyankopɔn Asɛm wɔ tumi kodu he? Yɛbɛyɛ dɛn de tumi a ɛwom no abɔ yɛn bra yiye? Yɛbɛyɛ dɛn de aboa afoforo ma wɔanya so mfaso? Yɛwɔ awerɛhyem sɛ nsɛm yi a yebesusuw ho wɔ da koro nhyiam titiriw a yɛbɛyɛ wɔ afe 2014 ɔsom afe mu no bɛhyɛ yɛn nyinaa nkuran wɔ Onyankopɔn som mu. Nhyiam no asɛmti ne “Onyankopɔn Asɛm Wɔ Tumi,” na woyi fii Hebrifo 4:12.
2. Nsɛmmisa bɛn ho mmuae na ɛsɛ sɛ yɛyɛ aso tie?
2 Hwehwɛ Nsɛmmisa Yi Ho Mmuae: Sɛ woretie dwumadi no a, hyɛ nsɛmmisa a edidi so yi ho mmuae nsow.
• Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yenya ahotoso wɔ Yehowa Asɛm mu? (Dw. 29:4)
• Yɛbɛyɛ dɛn atumi anya tumi a ɛwɔ Onyankopɔn Asɛm mu so mfaso wɔ yɛn asetena mu? (Dw. 34:8)
• Wobɛyɛ dɛn atumi ama nkurɔfo ahu tumi a ɛwɔ Onyankopɔn Asɛm mu bere a wowɔ asɛnka mu? (2 Tim. 3:16, 17)
• Dɛn na yebetumi ayɛ na Satan wiase no nnaadaa annya yɛn? (1 Yoh. 5:19)
• Sɛ woyɛ ɔbabun a, dɛn na wobɛyɛ na asi wo yiye wɔ Onyankopɔn som mu? (Yer. 17:7)
• Sɛ yɛyɛ mmerɛw mpo a, yɛbɛyɛ dɛn atumi anya ahoɔden? (2 Kor. 12:10)
• Sɛ yɛwɔ subammɔne bi a agye ntini wɔ yɛn mu mpo a, dɛn titiriw na ebetumi aboa yɛn ma yɛayɛ nsakrae? (Efe. 4:23)
3. Asɛm a yebetie akyi no, ɔkwan foforo bɛn na yebetumi afa so anya da koro nhyiam titiriw no so mfaso?
3 Hwɛ sɛnea yebenya nhyiam no mu nsɛntitiriw a yebetie yi so mfaso! Bio nso, sɛ yɛkɔ ɔmansin ne ɔmantam nhyiam a, sɛnea yɛne yɛn nuanom mmarima ne mmea a womfi yɛn asafo mu bɔ fekuw a ɛyɛ anigye no, saa ara na yebenya hokwan ne yɛn nuanom abɔ wɔ da koro nhyiam titiriw no ase. (Dw. 133:1-3; 2 Kor. 6:11-13) Enti gye bere ne wɔn a wunim wɔn dedaw no mmɔ na pɛ foforo nso ka ho. Sɛ ɔkasafo a Betel apaw no anaa ɔmantam sohwɛfo na ɔbɛhwɛ mo da koro nhyiam titiriw no so a, dɛn nti na womfa hokwan no nkokyia ɔne ne yere mma wɔn akwaaba? Nokwarem no, yɛwɔ nneɛma pii a enti ɛsɛ sɛ yɛhwɛ da koro nhyiam titiriw no kwan!