Teokrase Ɔsom Sukuu Ntĩmu
Yɛbɛsusu nsɛmmisa a ɛdidi so yi ho wɔ Teokrase Ɔsom Sukuu mu nnawɔtwe a ɛfi aseɛ October 26, 2015 mu.
Ɔkwan bɛn so na asɛm a ɛwɔ 2 Ahemfo 13:18, 19 ma yɛhu sɛ ɛhia sɛ yɛde yɛn koma ne yɛn ahoɔden nyinaa som Onyankopɔn? [Sept. 7, w10 4/15 kr. 26 nky. 11]
Bere a Yona yɛ odiyifo no, ɔhene bɛn na na ɔdi Israel so, na sɛ yɛhwɛ asɛm a ɛwɔ 2 Ahemfo 14:23-25 a, adɛn nti na yɛbɛtumi aka sɛ Yona bɔɔ mmɔden paa? [Sept. 7, w09-E 1/1 kr. 25 nky. 4]
Dɛn na Ahas yɛeɛ a ɛkyerɛ sɛ wamfa ne ho anto asɛm a Onyankopɔn ka kyerɛɛ odiyifo Yesaia no so? Sɛ yɛresi gyinae titiriw bi a, asɛm bɛn na yɛbɛtumi abisa yɛn ho? (2 Ahe. 16:7) [Sept. 14, w13 11/15 kr. 17 nky. 5]
Dɛn na Rabsake yɛɛ sɛ ɔde bɛto Onyankopɔn nkurɔfo brada, na ɔkwan bɛn na wɔn a wɔsɔre tia yɛn fa so yɛ biribi a ɛte saa nnɛ? Su bɛn na ɛbɛboa yɛn na atamfo amfa wɔn nnaadaasɛm ansum yɛn afidie? (2 Ahe. 18:22, 25) [Sept. 14, w10 7/15 kr. 13 nky. 3-4]
Sɛ yɛrekenkan Bible anaa yɛresua ade a, ɔkwan bɛn so na Yosia ahobrɛase no bɛboa ma yɛanya adesua no so mfaso? (2 Ahe. 22:19, 20) [Sept. 21, w00 3/1 kr. 30 nky. 2]
Dɛn na fam tutufo ahu a ɛfoa so sɛ ahemfo mmienu a wɔabɔ wɔn din wɔ 2 Ahemfo 25:27-30 no tenaa ase ampa? [Sept. 28, w12 6/1 kr. 5 nky. 2-3]
Abisade mmiɛnsa bɛn na Yabes de too Yehowa anim, na dɛn na wei kyerɛ yɛn fa mpaebɔ ho? (1 Be. 4:9, 10) [Oct. 5, w10-E 10/1 kr. 23]
Sɛ yɛhwɛ ɔko a ɛho asɛm wɔ 1 Berɛsosɛm 5:18-22 ne nea ɛfii mu baeɛ no a, ɔkwan bɛn so na ɛhyɛ yɛn den ma yɛsi pi wɔ honhom fam ko no mu? [Oct. 12, w05 10/1 kr. 9 nky. 7]
Ɛyɛɛ dɛn na Dawid huu adwene a ɛwɔ mmara a ɛfa mogya ho no akyi? Ɛsɛ sɛ Dawid nhwɛso no ka yɛn sɛn? (1 Be. 11:17-19) [Oct. 19, w12 11/15 kr. 6-7 nky. 12-14]
Bere a Dawid pɛ sɛ ɔde apam adaka no ba Yerusalem no, dɛn na wanyɛ, na dɛn na yɛbɛtumi asua afi mu? (1 Be. 15:13) [Oct. 26, w03 5/1 kr. 10-11 nky. 11-13]