Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w21 October kr. 14-17
  • Sɛnea Wobɛsan Asiesie Wo Ne Yehowa Ntam

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Sɛnea Wobɛsan Asiesie Wo Ne Yehowa Ntam
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2021
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • NSƐNNENNEN BƐN NA WUBETUMI AHYIA?
  • FA BOTAE A WUBETUMI ADU HO SISI W’ANI SO
  • MPA ABAW!
  • ‘Frɛ Asafo No Mu Mpanyimfo’
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2025
  • Suasua Onyankopɔn Mmɔborohunu Nnɛ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
  • Woda Yehowa Koma So Paa!
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2021
  • Asafo Mu Mpanyimfo—Monkɔ So Nsuasua Ɔsomafo Paul
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2022
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2021
w21 October kr. 14-17
Onua bi dan asɛe paa. Bere a ebedi ne adwumaden a ɛsɛ sɛ ɔyɛ ansa na wasan asiesie no ama n’abam abu.

Sɛnea Wobɛsan Asiesie Wo Ne Yehowa Ntam

AFE biara, wɔsan gye Yehowa nguan a wɔsom bo no bebree ba Kristofo asafo no mu. Wɔn mu biara san ba a, wo de pɛ ani bɛhwɛ ‘anigye kɛse a ɛba soro’! (Luka 15:7, 10) Sɛ wɔasan agye wo a, wubetumi anya awerɛhyem sɛ Yesu, abɔfo no, ne Yehowa nyinaa ani agye sɛ wasan abɛka asafo no ho. Nanso bere a woresiesie wo ne Yehowa ntam no, ebia wubehyia nsɛnnennen bi. Nsɛnnennen a wubehyia no bi ne nea ɛwɔ he, na dɛn na ebetumi aboa wo?

NSƐNNENNEN BƐN NA WUBETUMI AHYIA?

Anuanom a wɔasan agye wɔn aba asafo no mu no, wɔn mu bebree wɔ hɔ a, wobɛhwɛ no na wɔn ahonim da so ara bu wɔn fɔ. Ebia wobɛte nea Ɔhene Dawid faa mu no ase. Wɔde ne bɔne kyɛɛ no akyi mpo, ɔkaa sɛ: ‘Me mfomso bu fa me so.’ (Dw. 40:12; 65:3) Sɛ obi san ba Yehowa nkyɛn a, n’ahonim betumi ateetee no mfe pii mpo. Wotuu Isabelle no, mfe 20 akyi ansa na ɔresan aba.a N’anom asɛm ni: “Ná ɛyɛ den ma me sɛ megye atom sɛ Yehowa betumi de me bɔne akyɛ me.” Sɛ w’abam bu a, wo ne Yehowa ntam betumi asan asɛe. (Mmeb. 24:10) Yere wo ho na biribi a ɛte saa anto wo.

Sɛ ebinom hu adwuma paa a ɛsɛ sɛ wɔyɛ ansa na wɔne Yehowa ntam asan ayɛ papa a, na wɔn abam abu. Wɔsan gyee Antoine no, ɔkaa sɛ: “Biribiara a na minim ansa na wɔretu me afi asafo no mu no, mesan bae no, na me werɛ afi ne nyinaa.” Esiane nneɛma bi a ɛtete saa nti, ebinom san ba a, ɛyɛ a wɔnteɛ wɔn ho mfa wɔn ho nhyɛ asafo no dwumadi nyinaa mu.

Sɛ yɛbɛyɛ nhwɛso a, yɛmfa no sɛ mframa gyampantrudu asɛe obi dan a ɛda ne koma so paa. Sɛ ɔhwɛ bere a ebedi ne adwumaden a ɛsɛ sɛ ɔyɛ ansa na wasan asiesie a, anhwɛ a n’abam bebu. Saa pɛpɛɛpɛ na ɛte. Sɛ bɔne bi a emu yɛ duru na woyɛe nti na wo ne Yehowa ntam sɛee a, anhwɛ a wobɛte nka sɛ ebegye adwumaden paa na woasan asiesie wo ne no ntam. Nanso nneɛma pii wɔ hɔ a woyɛ a ebetumi aboa wo.

Yehowa ka kyerɛ yɛn sɛ: “Afei mommra, na momma yɛntoto nneɛma yiye.” (Yes. 1:18) Woadi kan abɔ mmɔden ‘atoto nneɛma yiye.’ Ɛyɛ Yehowa dɛ sɛ watu saa anammɔn no. Wo de, susuw ho hwɛ: Ba a woasan aba nti, woama Yehowa anya biribi a obegyina so aka akyerɛ Satan sɛ ɔyɛ ɔtorofo!—Mmeb. 27:11.

Nea woayɛ yi kyerɛ sɛ woabɛn Yehowa, na ɔno nso hyɛ bɔ sɛ ɔbɛbɛn wo. (Yak. 4:8) Nanso, hu a afoforo behu sɛ wasan abɛka asafo no ho no nkyerɛ sɛ woawie. Yehowa yɛ w’Agya ne w’Adamfo, enti ɔdɔ a wowɔ ma no no, ɛsɛ sɛ wokɔ so hyɛ mu den. Wobɛyɛ no sɛn?

FA BOTAE A WUBETUMI ADU HO SISI W’ANI SO

Hwɛ sɛ botae a wode besisi w’ani so no, wubetumi adu ho. Ebia nneɛma a wusuae a ɛma wubenyaa Yehowa mu gyidi ne ne bɔhyɛ a ɛfa Paradise ho no de, woda so ara kae. Nanso, ɛho hia sɛ wosan yɛ nhyehyɛe pa a ɛbɛboa wo ma woatumi asom Yehowa yiye. Ebi ne nhyehyɛe a ebetumi ama woakɔ asɛnka ne adesua daa, na wo ne wo nuanom Kristofo abɔ fekuw. Ma yɛnhwɛ botae ahorow bi a wubetumi de asisi w’ani so.

Bɔ Yehowa mpae daa. Yehowa nim sɛ, sɛ w’ahonim kɔ so teetee wo a, ebetumi ayɛ den sɛ wobɛbɔ no mpae. (Rom. 8:26) Nanso ‘bɔ mpae daa,’ na ma Yehowa nhu sɛ wo ne n’adamfofa no ho hia wo paa. (Rom. 12:12) Andrej ka sɛ: “Ná m’ahonim teetee me paa, na na m’ani awu. Nanso, sɛ mebɔ mpae biara wie a, na saa atenka no so atew ama me koma atɔ me yam.” Sɛ wunhu nea wommɔ ho mpae a, wubetumi ahwɛ Ɔhene Dawid mpae a ɛwɔ Dwom 51 ne 65 no. Ɛyɛ mpae a ɔbɔe bere a onuu ne ho no.

Sua Bible no daa. Wei bɛhyɛ wo gyidi den na ama ɔdɔ a wowɔ ma Yehowa no ayɛ kɛse. (Dw. 19:7-11) Felipe kaa sɛ: “Esiane sɛ na minni nhyehyɛe papa biara a na mede sua ade nti, ɛmaa me gyidi yɛɛ mmerɛw, na midii Yehowa huammɔ. Ná mempɛ sɛ medi mfomso koro no ara bio, enti mehwɛ hui sɛ mɛyɛ kokoam adesua daa.” Wo nso, wubetumi asuasua no. Sɛ wopɛ sɛ wuhu nea wubesua bere a woreyɛ kokoam adesua a, wubetumi abisa w’adamfo bi a ne ho akokwaw ma waboa wo.

Wo ne wo nuanom nsan mmɔ fekuw. Wɔn a wɔsan ba asafo no mu no, ebinom wɔ adwene sɛ, anhwɛ a anuanom rennye wɔn nni bio. Larissa kaa sɛ: “Ná m’ani awu paa. Metee nka sɛ na madi anuanom huammɔ. Saa adwene a minyae no, ɛkyɛe paa ansa na ɛrekɔ.” Nya awerɛhyem sɛ asafo mu mpanyimfo ne anuanom a wɔn ho akokwaw nyinaa ayɛ krado sɛ wɔbɛboa wo ama wasan agyina wo nan so. (Hwɛ adaka a yɛato din, “Dɛn Na Mpanyimfo Betumi Ayɛ?” no.) Wɔn ani agye paa sɛ woasan aba, na wɔpɛ sɛ esi wo yiye!—Mmeb. 17:17.

Dɛn na woyɛ a, ɛbɛma wo ne wo nuanom Kristofo ayɔnkofa no mu ayɛ den? Biribiara a anuanom reyɛ no, wo ne wɔn nyɛ. Kɔ adesua, na wo ne wɔn mmom nkɔ asɛnka daa. Woyɛ saa a, ɛbɛboa wo sɛn? Felix ka sɛ: “Ná anuanom no pɛ sɛ mesan ba. Enti mebae no, wɔn ani gyei. Wɔmaa m’ani kae wɔ asafo no mu, na wɔma metee nka sɛ Yehowa de me bɔne akyɛ me, na metumi akɔ so asom Yehowa bio.”—Hwɛ adaka a yɛato din, “Dɛn Na Wubetumi Ayɛ?” no.

Dɛn Na Wubetumi Ayɛ?

Yɛ nhyehyɛe a ɛbɛma woatumi asom Yehowa yiye

Asafo mu panyin bi ne onua bi a wasan aba Yehowa nkyɛn rebɔ mpae.

BƆ YEHOWA MPAE DAA

Ma Yehowa nhu sɛ wo ne n’adamfofa no ho hia wo paa. Mpanyimfo no bɛbɔ mpae ama wo, na wɔne wo nso bɛbom abɔ mpae

Ɔpanyin no ne onua no resua “Bɛn Yehowa” nhoma no.

SUA BIBLE NO DAA

Hyɛ wo gyidi den, na ɛbɛma ɔdɔ a wowɔ ma Yehowa no ayɛ kɛse

Onua no ne asafo no mufo bi ahyia regye wɔn ani.

WO NE ANUANOM MMƆ FEKUW

Nea anuanom yɛ biara, wo ne wɔn nyɛ. Kɔ adesua bere biara, na wo ne wɔn mmom nkɔ asɛnka daa

MPA ABAW!

Satan bɛkɔ so ayɛ nea obetumi biara ama wo nsam agow sɛnea ɛbɛyɛ a worentumi nsiesie wo ne Yehowa ntam. (Luka 4:13) Enti wo nso, yere wo ho na hyɛ wo ne Yehowa ayɔnkofa no mu den.

Yehowa ka ne nguan ho asɛm sɛ: “Nea wayera no mɛhwehwɛ no, nea watew ne ho no mede no bɛba, nea wapira no mɛkyekyere ne kuru, na nea wayɛ mmerɛw no mɛhyɛ no den.” (Hes. 34:16) Yehowa aboa nnipa pii a wɔne ne ntam sɛee no ama wɔasan agyina wɔn nan so. Nya awerɛhyem sɛ ɔpɛ sɛ ɔboa wo ma wo ne n’ayɔnkofa no mu kɔ so yɛ den.

Dɛn Na Mpanyimfo Betumi Ayɛ?

Ɔpanyin no reboa onua no ama wasan asi ne fie a asɛe no.

Sɛ wogye obi na obetumi asan asi ne dedaw mu a, mpanyimfo no di mu akoten paa. Hwɛ nea mpanyimfo no betumi ayɛ de aboa wɔn a wɔagye wɔn no.

Monkyekye wɔn werɛ. Ná ɔsomafo Paul nim sɛ, sɛ ɔbɔnefo bi san ba Yehowa nkyɛn a, ‘awerɛhow bebrebe betumi ahyɛ no so.’ (2 Kor. 2:7) Ebia aniwu ne abasamtu betumi ahyɛ no so, enti Paul tuu asafo no fo sɛ, ‘wonyi wɔn yam mfa nkyɛ no, na wɔnkyekye ne werɛ.’ Wɔn a wɔagye wɔn no, ɛsɛ sɛ yɛma wonya awerɛhyem sɛ Yehowa ne wɔn mfɛfo Kristofo dɔ wɔn paa. Sɛ yɛkɔ so kamfo wɔn, na yɛyɛ nneɛma pɔtee bi de boa wɔn a, ebia ɛbɛhyɛ wɔn nkuran na wɔn abam ammu.

Mo ne wɔn mmɔ mpae. “Ɔtreneeni nkotosrɛ wɔ tumi kɛse.” (Yak. 5:16) Larissa a yɛadi kan aka ne ho asɛm no ka sɛ: “Mekaa nneɛma a na mente ase ne nea na ɛrehaw me no ho asɛm kyerɛɛ mpanyimfo no. Wɔne me boom bɔɔ mpae, na wɔbɔɔ bi nso maa me. Ɛno ma mihui sɛ na mpanyimfo no mfaa me ho abufuw. Ná wɔpɛ sɛ wɔboa me na me ne Yehowa ntam san yɛ papa.” Theo ka sɛ: “Mpae a mpanyimfo no ne me bɔe no ma minyaa awerɛhyem sɛ Yehowa dɔ me paa; ɛnyɛ bɔne a ɛwɔ me ho no nko ara na ohu, na mmom suban pa a mewɔ no nso, ohu.”

Momfa wɔn nnamfo. Wɔn a wɔagye wɔn no hia nnamfo wɔ asafo no mu. Ɔpanyin bi a ne din de Justin ka sɛ: “Hokwan biara a mubenya no, mo ne wɔn nkɔ asɛnka. Nea ehia paa no, monyɛ nhyehyɛe nkɔsra wɔn wɔ fie. Yɛamfa wɔn nnamfo a, ɛnyɛ yiye!” Ɔpanyin foforo a ne din de Henry nso ka sɛ: “Sɛ asafo no mufo hu sɛ mpanyimfo no afa wɔn a wɔagye wɔn no nnamfo a, saa ara na wɔn nso bɛyɛ.”

Boa wɔn ma wonsua ade. Sɛ obi a wɔagye no wɔ adamfo a ne ho akokwaw a, obetumi aboa no ma wayɛ nhyehyɛe pa a ɔde besua ade. Ɔpanyin bi a ne din de Darko ka sɛ: “Sɛ meyɛ me kokoam adesua a, akorade a minya fi Bible mu no, ɛyɛ a m’ani gye ho sɛ mɛka ho asɛm akyerɛ wɔn a wɔagye wɔn no. Afei mema wohu sɛ misua Bible a, m’ani gye paa. Sɛ mekenkan biribi a ɛhyɛ nkuran wɔ yɛn nhoma no bi mu a, ɛyɛ a meyɛ nhyehyɛe ne wɔn kosusuw ho.” Ɔpanyin foforo a ɔde Clayton ka sɛ: “Mehyɛ wɔn nkuran sɛ wɔnhwɛ sɛ wobehu Bible mu nnipa bi a tebea a wɔfaa mu no te sɛ wɔn de no, na wɔnhwɛ nea wobetumi asua afi wɔn asɛm no mu.”

Monyɛ ahwɛfo pa. Wɔn a wɔagye wɔn no ahu sɛ mpanyimfo no tumi bu atɛn. Nanso, saa bere yi paa na ɛsɛ sɛ wohu wɔn sɛ ahwɛfo. (Yer. 23:4) Sɛ wɔn a wɔagye wɔn no rekasa a, monyɛ aso ntie na momfa hokwan a mubenya biara nkamfo wɔn. Ɛyɛ a momma wɔntaa nte mo nka. Sɛ asafo mu panyin bi a ne din de Marcus rekɔsra wɔn a wɔagye wɔn no a, hwɛ nea ɛyɛ a ɔyɛ. Ɔka sɛ: “Yɛne wɔn susuw Bible mu asɛm bi ho, yɛkamfo wɔn, na yɛma wonya awerɛhyem sɛ ɛyɛ yɛn dɛ sɛ wɔamfa ahwease anyɛ nna, na wɔayere wɔn ho asan aba asafo no mu. Yɛma wohu sɛ ɛyɛ Yehowa nso dɛ paa. Sɛ yɛde nsrahwɛ biara ba awiei a, yɛhyɛ da foforo a yɛbɛsan aba.”

a Wɔasesa din ahorow a ɛwɔ asɛm yi mu no.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena