Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w24 February kr. 31
  • So Wunim?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • So Wunim?
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2024
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Mpaebɔ—Nsɛm A Wotĩ Mu Ka Anaasɛ Efi Nkate Mu?
    Nyan!—1992
  • Obu A Nyamesuro Wom Ma Mogya
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1987
  • “Gyidi Kyɛm Kɛse” No, Worehwɛ Wo De So Yiye Anaa?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2019
  • Nkwa ne Mogya—So Wubu sɛ Ɛyɛ Kronkron?
    Biako a Wɔayɛ De Resom Nokware Nyankopɔn Koro No
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2024
w24 February kr. 31
Esra kura nhoma mmobɔwee, na ɔreyi Yehowa ayɛ wɔ ɔman no anim.

So Wunim?

Adɛn nti na Bible no tĩ nsɛm bi mu?

ƐTƆ bere bi a nsɛm a na Bible akyerɛwfo no bi ka no, na wɔtumi tĩ mu. Yɛnhwɛ nneɛma mmiɛnsa bi nti a ɛbɛyɛ sɛ akyerɛwfo no yɛɛ saa:

Bere a wɔkyerɛwee. Tete Israel no, na nnipa dodow no ara nni Mose Mmara no bi. Mpɛn pii no, sɛ ɔman no hyiam wɔ baabi a ɔsom ntamadan no wɔ a, ɛnna wɔkenkan Mmara no kyerɛ wɔn. (Deut. 31:​10-12) Ɛda adi sɛ, sɛ wɔretie asɛm no a, na nneɛma tumi twetwe wɔn adwene efisɛ na wɔdɔɔso, na na wɔgyina hɔ kyɛ. (Neh. 8:​2, 3, 7) Mmere a ɛtete saa mu no, nsɛntitiriw a na wɔtĩ mu no, na ɛbɛma ayɛ mmerɛw ama ɔman no sɛ wɔbɛkae kyerɛwnsɛm no na wɔde ayɛ adwuma. Nsɛm bi wɔ hɔ a, wɔtĩ mu a, na ɛbɛboa wɔn paa ma wɔakae nsɛntitiriw bi te sɛ Onyankopɔn mmara ne n’atemmusɛm.—Lev. 18:​4-22; Deut. 5:1.

Sɛnea wɔkyerɛw no. Wokyɛ Bible no mu du a, emu baako yɛ nnwom; ebi ne Nnwom nhoma no, Solomon Dwom, ne Kwadwom. Ɛtɔ da bi a, nnwom no fa bi wɔ hɔ a, na wɔtĩ mu. Wɔyɛ saa a, na esi asɛntitiriw a ɛwɔ mu no so dua, na na ɛboa atiefo ma wɔkyere emu nsɛm no gu wɔn tirim. Yɛmfa asɛm a ɛwɔ Dwom 115:​9-11 no nyɛ nhwɛso. Ɛhɔ ka sɛ: “O Israel, momfa mo ho nto Yehowa so; ɔno ne mo boafo ne mo kyɛm. O Aaron fi, momfa mo ho nto Yehowa so; ɔno ne mo boafo ne mo kyɛm. Mo a musuro Yehowa, momfa mo ho nto Yehowa so; ɔno ne mo boafo ne mo kyɛm.” Sɛ nnwontofo no reto nnwom na wɔtĩ nsɛm mu saa a, na nsɛm no besian akɔ wɔn komam na aka wɔn tirim.

Nea enti a wɔkyerɛwee. Ɛtɔ da a na Bible akyerɛwfo no si nsɛm a ɛho hia paa so dua. Sɛ yɛbɛyɛ nhwɛso a, bere a Yehowa ka kyerɛɛ Israelfo no sɛ mma wɔnnni mogya no, nea enti a ɔkaa saa no, ɔmaa Mose tĩĩ mu mpɛn pii. Ná Onyankopɔn pɛ sɛ osi so dua sɛ ɔhonam biara nkwa wɔ mogya no mu, kyerɛ sɛ, mogya gyina hɔ ma nkwa. (Lev. 17:​11, 14) Akyiri yi, bere a asomafo no ne mpanyimfo a ɛwɔ Yerusalem no kyerɛɛ nneɛma a ɛnsɔ Onyankopɔn ani no, wɔsan sii so dua sɛ ɛsɛ sɛ Kristofo twe wɔn ho fi mogya ho.—Aso. 15:​20, 29.

Ɛwom sɛ Bible no tĩ nsɛm bi mu de, nanso ɛnyɛ Yehowa adwene ne sɛ yebetĩ Bible mu nsɛmfua bi mu bere nyinaa. Yɛbɛyɛ nhwɛso a, Yesu kaa sɛ: “Sɛ worebɔ mpae a, ntĩ nsɛm koro no ara mu nka no mpɛn pii.” (Mat. 6:7) Afei ɔkyerɛɛ nneɛma bi a ɛne Onyankopɔn apɛde hyia a yebetumi abɔ ho mpae. (Mat. 6:​9-13) Enti, ɛwom sɛ yɛmpɛ sɛ yebetĩ nsɛmfua koro no ara mu aka no mpɛn pii wɔ yɛn mpaebɔ mu, nanso yebetumi abɔ nneɛma koro no ara ho mpae mpɛn pii.—Mat. 7:​7-11.

Biribi nti na Onyankopɔn Asɛm no tĩ nsɛmfua bi ne nsɛm bi mu no. Ɛyɛ ɔkwan baako a yɛn Kyerɛkyerɛfo Kunini no fa so kyerɛkyerɛ yɛn ma esi yɛn yiye.—Yes. 48:​17, 18

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena