ADESUA HO NYANSAHYƐ
Nea Ɛbɛboa Wo Ma Woakae Kyerɛwnsɛm
Ɛtɔ da a, ɛyɛ den ma wo sɛ wobɛkae kyerɛwsɛm bi a ɛda wo koma so anaa? Ebia ɛyɛ kyerɛwsɛm bi a ɛkyekye wo werɛ, anaa nea ɛboa wo ma wuyi adwemmɔne fi wo tirim, anaa nea wopɛ sɛ wokenkan kyerɛ obi. (Dw. 119:11, 111) Nyansahyɛ a edidi so yi betumi aboa wo ma woakae kyerɛwnsɛm.
Fa JW Library® app no di dwuma. Wubetumi akyerɛw nsɛm bi wɔ note afã hɔ, na woato din “Kyerɛwnsɛm a Ɛda Me Koma So.” Afei kyerɛwnsɛm biara a wopɛ sɛ wokae no, wubetumi akyerɛw wɔ hɔ.a
Kyerɛw kyerɛwsɛm no na fa to anaa fa bɔ baabi a wubehu. Kyerɛwsɛm a wopɛ sɛ wokae no, kyerɛw wɔ krataa bi so, na fa to baabi a wobɛtaa ahu. Ebinom de tare wɔn ahwehwɛ nkyɛn, afoforo nso de bɔ wɔn frigye ho. Ebinom nso twa kyerɛwsɛm no a, na wɔde ayɛ wɔn skreen saver, enti wɔnya sɔɔ wɔn fon anaa kɔmputa ara, na abɛda so.
Wubetumi akyerɛw wɔ kaad anaa krataa bi so. Kyerɛw kyerɛwsɛm no wɔ kaad anaa krataa no anim, na kyerɛw emu nsɛm no wɔ akyi. Afei hwɛ kyerɛwsɛm no, na hwɛ sɛ wobɛkae emu nsɛm no a. Anaa hwɛ emu nsɛm no, na hwɛ sɛ wobɛkae baabi a kyerɛwsɛm no wɔ a.
a Sɛ wopɛ wei ho nsɛm pii a, hwɛ video a yɛato din Nneɛma a Asafo No Atumi Ayɛ—Sɛnea Yɛde JW Library Bedi Dwuma Yiye no.