Watchtower INTANƐTƖ ZƲ AWUUKUZIYELƐDƖKA
Watchtower
INTANƐTƖ ZƲ AWUUKUZIYELƐDƖKA
Aɣɩnda
  • BAYƖBƲLƲ
  • AWUUKU NƖƖ NNINYENI MVƲLƆ
  • DƖYƐZUMANLƐ
  • lfb ozumalɛdɩyɛ 37 owu. azʋ. 90-91
  • Gyehova Nɩɩ Samʋwɛlɩ Dɩndɛlɩ

Vidiyo bela íni ɔfʋã ɛkɩhyɩ.

Yɛpakyɛbɛ wʋ, dɩyɛ be ɩákɔ bʋwɔ wɔ vidiyo mɔɔ ɔtwɩ̃ɩ̃ yɩ nu.

  • Gyehova Nɩɩ Samʋwɛlɩ Dɩndɛlɩ
  • Suma Debe Wɔ Bayɩbʋlʋ Yi Nu
  • Ndwokɔ mɔɔ ɩ nɩɩ yɩ di nsɛ́
  • Samʋwɛlɩ Ɩhɔlɩ Ɔzʋlɔ Ɩyɛlɩ Mɔɔ Ɩdɩ Baaba
    Fa Kilehile Wʋ Mma
  • Mɔɔ Yesuma Wɔ Samʋwɛlɩ Yɩ Ɛbɩlawɔlɛ Nu
    Yɛ Kilisinyianɩ Ɛbɩlawɔlɛ Nɩɩ Dasɩlɛlilɛ—Dɩyɛzumanlɛ Kɛlɛta—2022
Suma Debe Wɔ Bayɩbʋlʋ Yi Nu
lfb ozumalɛdɩyɛ 37 owu. azʋ. 90-91
Samuel rebuebue asɔrefie no apon

OZUMALƐDƖYƐ 37

Gyehova Nɩɩ Samʋwɛlɩ Dɩndɛlɩ

Ná Ɔsɔfo Panyin Eli wɔ mmabarima mmienu a wɔsom sɛ asɔfo wɔ asɔrefie hɔ. Wɔn din de Hofni ne Finehas. Wɔanni Yehowa mmara so, na na wɔne nkurɔfo nni no yiye koraa. Sɛ Israelfo de mmoa bɛbɔ afɔre ma Yehowa a, na Hofni ne Finehas yiyi nam papa no fa. Eli tee nea na ne mmabarima no reyɛ, nanso wanyɛ ho hwee. Enti na Yehowa bɛhwɛ ama wei akɔ so saa ara?

Ɛwom, na Hofni ne Finehas anyin sen Samuel, nanso Samuel ansuasua wɔn. Yehowa ani gyee Samuel ho. Anadwo bi, bere a Samuel ada no, ɔtee sɛ ɛnne bi refrɛ no. Ɔsɔree, na ɔde mmirika kɔɔ Eli nkyɛn, na ɔkaa sɛ: ‘Mini!’ Nanso Eli kaa sɛ: ‘Memfrɛɛ wo. San kɔda.’ Samuel san kɔdae. Ɛnne no san baa bio. Bere a Samuel tee sɛ ɛnne no refrɛ no ne mprɛnsa so no, Eli huu sɛ ɛyɛ Yehowa na ɔrefrɛ Samuel. Ɔka kyerɛɛ Samuel sɛ, sɛ ɔsan te ɛnne no bio a, ɔnka sɛ: ‘Yehowa, kasa. W’akoa retie.’

Samuel reka nea Yehowa kae no akyerɛ Eli

Samuel san kɔdae. Afei ɔtee ɛnne bi sɛ: ‘Samuel! Samuel!’ Obuae sɛ: ‘Kasa, na w’akoa retie.’ Yehowa ka kyerɛɛ no sɛ: ‘Ka kyerɛ Eli sɛ, merebɛtwe ɔne n’abusua aso. Onim sɛ ne mmabarima no reyɛ nneɛma bɔne wɔ asɔrefie hɔ, nanso ɔnyɛ ho hwee.’ Ade kyee no, Samuel buebuee asɔrefie apon no sɛnea daa ɔyɛ no. Ná osuro sɛ ɔbɛka asɛm a Yehowa ka kyerɛɛ no no akyerɛ ɔsɔfo panyin no. Nanso Eli ma wɔkɔfrɛɛ no bae, na obisaa no sɛ: ‘Me ba, dɛn na Yehowa ka kyerɛɛ wo? Ka biribiara kyerɛ me.’ Enti Samuel kaa biribiara kyerɛɛ Eli.

Bere a Samuel renyin no, Yehowa kɔɔ so ara boaa no. Israelfo a wɔwɔ asaase no so nyinaa huu sɛ Yehowa na wapaw Samuel sɛ ɔnyɛ odiyifo ne ɔtemmufo.

“Enti kae wo Bɔfo Kɛse no wɔ wo mmabunbere mu.”—Ɔsɛnkafo 12:1

Ndwokɔɣizialɛ: Mɩnla yɛ nɩ ɩma Samʋwɛlɩ yɛ sʋnʋnkʋ̃ wɔ Hɔfɩnayɩ nɩɩ Fɩnɩhasɩ nwʋ a? Mɩnla odwokɔ yɛ Gyehova hanlɩ hileli Samʋwɛlɩ a?

1 Samʋwɛlɩ 2:12-17, 22-26; 3:1-21; 7:6

    Ahanta Buuku (2015-2025)
    Numá Yɩ
    Kɔ́ Numɔ
    • Aɣɩnda
    • Kyɛ́
    • Yɛ́ nzɩnzanlɩyɛ mɔɔ ɛpɛ yɩ wɔ ɛkɩhyɩ
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Mmɛla Mɔɔ Ɩwɔ Nwʋmɔ
    • Nwʋmɔ Nhyɩhyɛlɩyɛ
    • Nwʋmɔ Nninyeni
    • JW.ORG
    • Kɔ́ Numɔ
    Kyɛ́