2 Berɛsosɛm
17 Na ne ba Yehosafat+ bɛdii n’adeɛ, na ɔmaa ne tumi yɛɛ den Israel. 2 Ɔde akofoɔ gyinagyinaa Yuda nkuro a wɔabɔ ho ban nyinaa mu, na ɔde asraafoɔdɔm kɔguu Yuda asase ne Efraim nkuro a ne papa Asa ko faeɛ+ no mu. 3 Na Yehowa dii Yehosafat akyi,+ ɛfiri sɛ ɔnantee ne nana Dawid akwan so+ na wankɔdi Baal akyi.+ 4 Ne papa Nyankopɔn na ɔhwehwɛɛ no,+ na ne mmara nsɛm mu na ɔnanteeɛ,+ na wamfa Israel akwan so.+ 5 Na Yehowa maa ahennie no tim ne nsam,+ na Yuda nyinaa de akyɛdeɛ+ brɛɛ Yehosafat daa; enti ɔnyaa ahonyadeɛ ne animuonyam pii.+ 6 Ɔnyaa akokoɔduro Yehowa akwan+ ho ma enti ɔyiyii sorɔnsorɔmmea+ ne abosonnua+ a ɛwɔ Yuda no.
7 N’ahennie afe a ɛtɔ so mmiɛnsa mu no, ɔsoma kɔka kyerɛɛ ne mmapɔmma yi sɛ wɔnkɔkyerɛkyerɛ wɔ Yuda nkuro mu: Ben-Hail, Obadia, Sakaria, Netanel ne Mikaia; 8 Lewifoɔ yi na na wɔka wɔn ho: Semaia, Netania, Sebadia, Asahel, Semiramot, Yehonatan, Adoniya, Tobiya ne Tob-Adoniya, wɔn nyinaa yɛ Lewifoɔ, ná Elisama ne Yehoram a wɔyɛ asɔfoɔ+ no nso ka wɔn ho. 9 Na wɔsiim kɔkyerɛkyerɛɛ+ wɔ Yuda; ná wɔkura Yehowa mmara nwoma+ no, na wɔkyinii Yuda nkuro nyinaa mu kyerɛkyerɛɛ wɔ ɔman no mu.
10 Yehowa ho hu+ tɔɔ nsase no so ahennie a atwa Yuda ho ahyia nyinaa so, na wɔne Yehosafat anko.+ 11 Na Filistifoɔ de akyɛdeɛ+ brɛɛ Yehosafat na wɔde sika bɛtuaa toɔ+ maa no. Arabiafoɔ+ nso de nyɛmmoa brɛɛ no; wɔde adwennini mpemnson ahanson ne mpapo mpemnson ahanson.+
12 Yehosafat nyaa nkɔsoɔ, na ɔyɛɛ kɛseɛ+ pa ara, na ɔkyekyeree nkuro a ɛyɛ den+ ne adekora nkuro+ wɔ Yuda. 13 Ɔyeyɛɛ nneɛma pii Yuda nkuro mu, na ɔnyaa akofoɔ,+ mmarima akokoɔdurofoɔ a wɔn ho yɛ den+ wɔ Yerusalem. 14 Yei ne wɔn dibea sɛdeɛ wɔn agyanom abusuafie teɛ: Yuda apem apem so mpanimfoɔ, Adnah ne wɔn sahene, na mmarima akokoɔdurofoɔ a wɔn ho yɛ den mpem ahasa ka ne ho.+ 15 Deɛ ɔhyɛ n’ase ne ɔsahene Yehohanan, na mpem ahanu aduɔwɔtwe ka ne ho. 16 Deɛ ɔhyɛ ɔno nso ase ne Sikri ba Amasiya, a ɔtuu ne ho maa+ Yehowa, na mmarima akokoɔdurofoɔ a wɔn ho yɛ den mpem ahanu ka ne ho. 17 Deɛ ɔfiri Benyamin+ mu nso ne ɔbarima kokoɔdurofoɔ a ne ho yɛ den Eliada, na mmarima mpem ahanu a wɔn na wɔkura agyan ne akyɛm+ ka ne ho. 18 Deɛ ɔhyɛ n’ase ne Yehosabad, na mmarima mpem ɔha aduɔwɔtwe a wɔhyehyɛ wɔn ho kɔ ɔsa ka ne ho. 19 Yeinom ne wɔn a wɔsom ɔhene; ɛsono wɔn a ɔhene de wɔn totoo nkuro a wɔagye ho ban+ ano wɔ Yuda nyinaa no.