Berɛsosɛm Nwoma a Ɛdi Kan
3 Weinom ne Dawid mma mmarima a ɔwoo wɔn* wɔ Hebron:+ N’abakan ne Amnon+ a ɔne Yesreelni Ahinoam+ woo no no, deɛ ɔtɔ so mmienu ne Daniel a ɔne Karmelni Abigail+ woo no no; 2 deɛ ɔtɔ so mmiɛnsa ne Absalom,+ Gesur hene Talmai babaa Maaka ba no; deɛ ɔtɔ so nnan ne Hagit ba Adoniya;+ 3 deɛ ɔtɔ so nnum ne Abital ba Sefatia, deɛ ɔtɔ so nsia ne Dawid yere Egla ba Yitream. 4 Mma nsia yi na ɔwoo wɔn wɔ Hebron; ɔdii hene wɔ hɔ mfeɛ 7 ne abosome 6, na ɔdii hene mfeɛ 33 wɔ Yerusalem.+
5 Weinom na ɔwoo wɔn* wɔ Yerusalem:+ Simea, Sobab, Natan,+ ne Solomon;+ nnan yi maame ne Amiel babaa Bat-Seba.+ 6 Mma foforɔ nkron ne Ibhar, Elisama, Elifelet, 7 Noga, Nefeg, Yafia, 8 Elisama, Eliada, ne Elifelet. 9 Wɔn nyinaa yɛ Dawid mma; ne yerenom a aka no mma nka ho, wɔn nuabaa ne Tamar.+
10 Solomon woo Rehoboam,+ na ɔno nso woo Abia,+ na ɔno nso woo Asa,+ na ɔno nso woo Yehosafat;+ 11 ɔno nso woo Yehoram,+ na ɔno nso woo Ahasia,+ na ɔno nso woo Yehoas;+ 12 ɔno nso woo Amasia,+ na ɔno nso woo Asaria,+ na ɔno nso woo Yotam;+ 13 ɔno nso woo Ahas,+ na ɔno nso woo Hesekia,+ na ɔno nso woo Manase;+ 14 ɔno nso woo Amon,+ na ɔno nso woo Yosia.+ 15 Yosia mma nie: N’abakan ne Yohanan, deɛ ɔtɔ so mmienu ne Yehoiakim,+ deɛ ɔtɔ so mmiɛnsa ne Sedekia,+ na deɛ ɔtɔ so nnan ne Salum. 16 Yehoiakim ba ne Yekonia,+ na ɔno nso ba ne Sedekia. 17 Yekonia deduani no mma ne Sealtiel, 18 Malkiram, Pedaia, Senasar, Yekamia, Hosama, ne Nedabia. 19 Pedaia mma ne Serubabel+ ne Simei; Serubabel mma ne Mesulam ne Hanania (wɔn nuabaa ne Selomit); 20 ne mma foforɔ nnum ne Hasuba, Ohel, Berekia, Hasadia, ne Yusab-Hesed. 21 Hanania mma ne Pelatia ne Yesia; Yesia ba* ne Refaia; Refaia ba* ne Arnan; Arnan ba* ne Obadia; Obadia ba* ne Sekania; 22 Sekania asefoɔ nie: Semaia, na Semaia mma ne Hatus, Yigal, Baria, Nearia ne Safat; wɔn nyinaa yɛ nsia. 23 Nearia mma ne Elioenai, Hiskia, ne Asrikam; wɔyɛ mmiɛnsa. 24 Elioenai nso mma ne Hodawia, Eliasib, Pelaia, Akub, Yohanan, Delaia, ne Anani; wɔyɛ nson.