11 Asisie nsenia yɛ Yehowa akyiwadeɛ,
Na tenenee nkariboɔ na n’ani gye ho.+
2 Sɛ ahantan ba a, animguaseɛ bɛdi akyire aba,+
Na nyansa ne ahobrɛasefoɔ na ɛteɛ.+
3 Ateneneefoɔ deɛ, wɔn abrabɔ a ɛdi mu na ɛkyerɛ wɔn kwan,+
Na nkontompofoɔ nnaadaasɛm na ɛbɛsɛe wɔn.+
4 Ahonyadeɛ so remma mfasoɔ abufuo da no,+
Na tenenee na ɛbɛgye onipa afiri owuo mu.+
5 Onipa a ne ho nni asɛm no, ne tenenee ma ne kwan tene,
Na ɔbɔnefoɔ deɛ, ɔno ara n’amumuyɛ nti ɔbɛhwe ase.+
6 Ateneneefoɔ tenenee bɛgye wɔn,+
Na nnaadaafoɔ deɛ, wɔn ankasa akɔnnɔdeɛ na ɛbɛkye wɔn.+
7 Sɛ ɔbɔnefoɔ wu a, n’anidasoɔ yera;
Na anidasoɔ a ɛgyina n’ahoɔden so no nso yera.+
8 Wɔgye ɔteneneeni firi amanehunu mu,
Na ɔbɔnefoɔ si n’anan.+
9 Ɔwaefoɔ de n’ano sɛe ne yɔnko,
Na nimdeɛ na wɔde gye ɔteneneeni.+
10 Ateneneefoɔ papayɛ ma kuro di ahurisie,
Na abɔnefoɔ yera a, anigyeɛ ba.+
11 Ateneneefoɔ nhyira ma kuro nya animuonyam,+
Na abɔnefoɔ ano deɛ, ɛbɔ kuro.+
12 Obiara a ɔnnim nyansa no, ɔbu ne yɔnko animtia,
Na onipa a ne nhunumu dɔɔso deɛ, ɔka n’ano tom.+
13 Deɛ ɔsɛe nkurɔfoɔ din no, ɔnenam na ɔreyi kokoam nsɛm adi,+
Na deɛ ɔyɛ ɔnokwafoɔ deɛ, ɔkata asɛm so.
14 Sɛ akwankyerɛ pa nni hɔ a, ɔman hwe ase,
Na afotufoɔ dodoɔ na ɛma nneɛma kɔ yie.+
15 Obiara a ɔdi ɔhɔhoɔ anim ma ɔkɔgye bosea no, ɛbɛwie no bɔne,+
Na obiara a ɔnkyea obi nsam sɛ ɔde redi agyinamu no, n’asom bɛdwo no.
16 Ɔbaa nimuonyamfoɔ nya anidie,+
Na mmarima atirimuɔdenfoɔ deɛ, wɔgye ahonyadeɛ.
17 Onipa a ne yam yɛ no, ɛboa ɔno ara,+
Na otirimuɔdenfoɔ deɛ, ɔde ɔhaw na ɛba ɔno ara ne so.+
18 Akatua a ɔbɔnefoɔ nya yɛ nnaadaa,+
Na deɛ ɔdua tenenee deɛ, ɔnya akatua pa.+
19 Deɛ ɔgyina tenenee akyi pintinn no bɛnya nkwa,+
Na deɛ ɔdi bɔne akyi deɛ, owuo da hɔ retwɛn no.
20 Akoma mu nkontompofoɔ yɛ Yehowa akyiwadeɛ,+
Na wɔn a wɔn kwan tene ma n’ani gye.+
21 Hunu wei sɛ: Ɔbɔnefoɔ remfa ne ho nni,+
Na ɔteneneeni mma deɛ, wɔbɛnya wɔn tiri adidi mu.
22 Sɛdeɛ sika kɔkɔɔ kawa teɛ wɔ prako hwene mu no,
Saa ara na ɔbaa hoɔfɛfoɔ a ɔpo nyansa teɛ.
23 Adeɛ a ateneneefoɔ pɛ wie yie,+
Na adeɛ a abɔnefoɔ ani da so deɛ, ɛkɔwie abufuo mu.
24 Obi kyɛ adeɛ pii nanso ɔnya bebree,+
Obi nso nkyɛ adeɛ, nanso ɔdi hia.+
25 Onipa a ne yam yɛ no, ɛbɛsi no yie,+
Obiara a ɔma nkurɔfoɔ ho dwo wɔn no, ɔno nso, wɔbɛma ne ho adwo no.+
26 Deɛ ɔde aduane kame nkurɔfoɔ no, ɔmanfoɔ bɛdome no,
Na deɛ ɔtɔn deɛ, wɔbɛhyira no.
27 Deɛ n’ani abere sɛ ɔbɛyɛ papa no, ɔhwehwɛ adom,+
Na deɛ ɔhwehwɛ bɔne no, ɛno ara na ɛbɛba ne so.+
28 Deɛ ɔde ne ho to n’ahonyadeɛ so no, ɔbɛhwe ase,+
Na ateneneefoɔ deɛ, wɔbɛyɛ frɔmfrɔm te sɛ ahabammono.+
29 Obiara a ɔde ɔhaw ba ne fie so no, deɛ ɔbɛnya ara ne mframa,+
Na kwasea bɛyɛ akoa ama akoma mu nyansafoɔ.
30 Aba a ɔteneneeni so yɛ nkwa dua,+
Na deɛ ɔnya akra no yɛ onyansafoɔ.+
31 Sɛ ɔteneneeni mpo remfa ne ho nni wɔ asaase so a,
Ɛbɛyɛ dɛn na omumuyɛfoɔ ne ɔbɔnefoɔ afa wɔn ho adi?+