5 Ɛnyɛ wo tenenee+ anaa w’akomam a ɛteɛ+ nti na worekɔfa wɔn asase no, mmom aman no amumuyɔ nti na Yehowa wo Nyankopɔn repamo wɔn afiri w’anim yi,+ na ama ntam a Yehowa kaa w’agyanom Abraham+ ne Isak+ ne Yakob+ no aba mu.
15 Na nkrantɛ tenten nnamnam bi firi n’anom pue+ a ɔde bɛbobɔ amanaman no, na ɔde dadeɛ poma bɛyɛn wɔn.+ Na bio nso ɔtiatia adeɛ nyinaa so Tumfoɔ Nyankopɔn abufuhyeɛ+ nsã-kyi-amena+ no so.