16 Bio nso, Manase hwiee mogya a ɛdi bem bebree pa guiɛ+ kɔsii sɛ ɔde hyɛɛ Yerusalem nyinaa mã, ɛfiri ano kɔsi ano, ɛsono bɔne a ɔyɛeɛ a ɛnam so maa Yuda nso yɛɛ bɔne Yehowa ani soɔ no.+
14 Afei wɔfirii aseɛ su frɛɛ Yehowa sɛ:+ “O Yehowa, yɛsrɛ wo mma yɛnnwuwu ɛsiane ɔbarima yi kra nti! Na mfa mogya a ɛnni fɔ+ ho asodie nto yɛn so, ɛfiri sɛ wo Yehowa, deɛ ɛsɔ w’ani na woayɛ yi!”+