Deuteronomium 12:7 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 7 Na ɛhɔ na monnidi Yehowa mo Nyankopɔn anim,+ na biribiara a mo ne mo fiefoɔ bɛyɛ biara, momma mo ani nnye,+ ɛfiri sɛ Yehowa mo Nyankopɔn ahyira mo. Dwom 32:11 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 11 Ateneneefoɔ nyinaa, monni ahurisie Yehowa mu, na momma mo ani nnye;+Akomam teefoɔ nyinaa, monto ahurisi dwom.+ Dwom 63:5 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 5 Me kra mee sɛ deɛ ɔnya adepa ne sradeɛ,+Na m’ano de ahurisi dwom bɛyi wo ayɛ.+ Dwom 68:3 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 3 Ateneneefoɔ deɛ, ma wɔnni ahurisie,+Ma wɔn ho nsɛpɛ wɔn Onyankopɔn anim,+Ma wɔmfa anigyeɛ mmɔ ose.+ Filipifoɔ 4:4 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 4 Monni ahurisie Awurade mu daa.+ Meka bio sɛ, monni ahurisie!+
7 Na ɛhɔ na monnidi Yehowa mo Nyankopɔn anim,+ na biribiara a mo ne mo fiefoɔ bɛyɛ biara, momma mo ani nnye,+ ɛfiri sɛ Yehowa mo Nyankopɔn ahyira mo.
11 Ateneneefoɔ nyinaa, monni ahurisie Yehowa mu, na momma mo ani nnye;+Akomam teefoɔ nyinaa, monto ahurisi dwom.+
3 Ateneneefoɔ deɛ, ma wɔnni ahurisie,+Ma wɔn ho nsɛpɛ wɔn Onyankopɔn anim,+Ma wɔmfa anigyeɛ mmɔ ose.+