19 Anyɛ saa a, mobɛma mo ani so ahwɛ soro ahunu awia ne bosome ne nsoromma, ɔsoro asafo nyinaa, na ɛbɛgyegye mo ama moasom wɔn.+ Yeinom na Yehowa wo Nyankopɔn de ama aman a wɔwɔ ɔsoro ase nyinaa.+
29 Menim sɛ me wuo akyi no mobɛyɛ abusudeɛ pii,+ na mobɛmane afiri kwan a maka sɛ momfa soɔ no so. Yei de ɔhaw+ bɛba mo so awieeɛ berɛ no mu, ɛfiri sɛ mobɛyɛ Yehowa ani so bɔne, na mode mo nsa ano adwuma bɛhuru ne bo.”+