27 Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Deɛ Israel Nyankopɔn Yehowa aka nie, ‘Obiara mfa ne nkrantɛ mmɔ n’asene. Afei momfa nsraban no apono nyinaa mu, na deɛ obiara bɛhu no biara, ne nua oo, ne yɔnko oo, n’adamfo oo, ɔnku no.’”+
6 Ɛnna Mose ka kyerɛɛ Aaron ne ne mma a wɔaka no, Eleasar ne Itamar, sɛ: “Monhwɛ na moannya mo tiri nwi basaa,+ na monnsunsuane mo ntadeɛ mu na moanwu na ne bo amfu nnipa no nyinaa.+ Ɔsɛeɛ a Yehowa nam egya so de baeɛ yi, mo nuanom Israelfoɔ bɛsu ama mo.