Exodus 20:10 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 10 Na da a ɛtɔ so nson no deɛ, ɛyɛ homeda ma Yehowa wo Nyankopɔn.+ Nyɛ adwuma biara; wo oo, wo babarima anaa wo babaa oo, w’akoa anaa w’afenaa oo, w’ayɛmmoa oo, ɔhɔhoɔ a ɔwɔ wo kurom oo, obiara nnyɛ adwuma.+ Exodus 23:12 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 12 “Fa nnansia yɛ adwuma,+ na da a ɛtɔ so nson no deɛ, nyɛ adwuma. Ɛbɛma wo nantwie ne w’afunumu ahome, na w’afenaa ba ne ɔhɔhoɔ adwodwo wɔn ho.+ Leviticus 24:22 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 22 “‘Ɔhɔhoɔ oo, kuromanni+ oo, atemmusɛm korɔ na ɛwɔ hɔ ma mo nyinaa, ɛfiri sɛ mene Yehowa mo Nyankopɔn.’”+
10 Na da a ɛtɔ so nson no deɛ, ɛyɛ homeda ma Yehowa wo Nyankopɔn.+ Nyɛ adwuma biara; wo oo, wo babarima anaa wo babaa oo, w’akoa anaa w’afenaa oo, w’ayɛmmoa oo, ɔhɔhoɔ a ɔwɔ wo kurom oo, obiara nnyɛ adwuma.+
12 “Fa nnansia yɛ adwuma,+ na da a ɛtɔ so nson no deɛ, nyɛ adwuma. Ɛbɛma wo nantwie ne w’afunumu ahome, na w’afenaa ba ne ɔhɔhoɔ adwodwo wɔn ho.+
22 “‘Ɔhɔhoɔ oo, kuromanni+ oo, atemmusɛm korɔ na ɛwɔ hɔ ma mo nyinaa, ɛfiri sɛ mene Yehowa mo Nyankopɔn.’”+