Deuteronomium 5:32 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 32 Monhwɛ sɛ mobɛyɛ deɛ Yehowa mo Nyankopɔn ahyɛ mo nyinaa.+ Mommmane nnkɔ nifa anaa benkum.+ 1 Samuel 13:13 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 13 Ɛnna Samuel ka kyerɛɛ Saul sɛ: “Woadi nkwaseasɛm.+ Woanni Yehowa, wo Nyankopɔn mmara nsɛm+ a ɔhyɛɛ woɔ+ no so; sɛ wodii so a, anka Yehowa bɛma w’ahennie atim Israel so afebɔɔ. 1 Ahemfo 15:5 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 5 ɛfiri sɛ Dawid yɛɛ deɛ ɛtene Yehowa ani so, na wannane amfiri biribiara a ɔhyɛɛ no no ho ne nkwa nna nyinaa,+ gye Hitini Uria asɛm no+ nko mu.
13 Ɛnna Samuel ka kyerɛɛ Saul sɛ: “Woadi nkwaseasɛm.+ Woanni Yehowa, wo Nyankopɔn mmara nsɛm+ a ɔhyɛɛ woɔ+ no so; sɛ wodii so a, anka Yehowa bɛma w’ahennie atim Israel so afebɔɔ.
5 ɛfiri sɛ Dawid yɛɛ deɛ ɛtene Yehowa ani so, na wannane amfiri biribiara a ɔhyɛɛ no no ho ne nkwa nna nyinaa,+ gye Hitini Uria asɛm no+ nko mu.