Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Twi (Asante)
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NWOMA
  • ASAFO NHYIAMU
  • Genesis 18:4
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 4 Mesrɛ mo, momma wɔmfa nsuo kakra mmra mmɛhohoro mo nan ho,+ na monhome dua yi ase.+

  • 1 Samuel 25:41
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 41 Ɛhɔ ara na ɔsɔre bɔɔ ne mu aseɛ, na ɔde n’anim butuu fam+ kaa sɛ: “W’afenaa nie, na mɛyɛ abaawa ahohoro me wura+ nkoa nan ho.”+

  • 2 Samuel 11:8
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 8 Ɛnna Dawid ka kyerɛɛ Uria sɛ: “Kɔ wo fie kɔhohoro wo nan ho.”+ Enti Uria firii ahemfie hɔ kɔeɛ, na wɔde ɔhene akyɛdeɛ firi dii n’akyi.

  • Luka 7:44
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 44 Enti ɔhwɛɛ ɔbaa no ka kyerɛɛ Simon sɛ: “Woahunu ɔbaa yi? Mebaa wo fie; woamma me nsuo+ anhohoro me nan ho. Nanso ɔbaa yi de ne nisuo fɔɔ me nan ho na ɔde ne tiri nwi pepaeɛ.

  • Yohane 13:5
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 5 Ɛno akyi no, ɔde nsuo guu dwaresɛn mu na ɔfirii aseɛ hohoroo asuafoɔ no nan ho+ na ɔde mpepaho a ɛbɔ ne mu no pepaa ho.

  • 1 Timoteo 5:10
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 10 deɛ wɔdi ne ho adanseɛ sɛ ɔyɛɛ nnwuma pa,+ ɔtetee mma,+ ɔgyee ahɔhoɔ,+ ɔhohoroo akronkronfoɔ nan ho,+ ɔboaa wɔn a wɔwɔ ahohia mu,+ ɔde nsiyɛ dii adwuma pa biara akyi.+

Twi Asante Nwoma Ahodoɔ (2012-2022)
Firi Mu
Kɔ Mu
  • Twi (Asante)
  • Fa Mane
  • Yɛ Nsakraeɛ a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛeɛ
  • Sɛdeɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛdeɛ Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mane