Atemmufoɔ 19:30 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 30 Na obiara a ɔhunuiɛ no kaa sɛ: “Ɛfiri berɛ a Israelfoɔ firi Egypt baeɛ yi, biribi a ɛte sei nsii da na yɛnhunuu bi saa da. Monnwene ho, momfa ho adwene+ na monka ho biribi.” Mmebusɛm 11:14 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 14 Sɛ akwankyerɛ pa nni hɔ a, ɔman hwe ase,+ na agyinatufoɔ dodoɔ mu na nkwagyeɛ wɔ.+ Mmebusɛm 13:10 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 10 Onipa ahantan de aperepereɛ na ɛba,+ na wɔn a wɔbom tu agyina na nyansa ne wɔn teɛ.+ Mmebusɛm 20:18 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 18 Agyinatuo na ɛma tirimbɔ gyina;+ fa akwankyerɛ pa kɔ wo sa.+ Mmebusɛm 24:6 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 6 Akwankyerɛ pa na wode bɛkɔ wo sa,+ na agyinatufoɔ dodoɔ mu na nkwagyeɛ wɔ.+
30 Na obiara a ɔhunuiɛ no kaa sɛ: “Ɛfiri berɛ a Israelfoɔ firi Egypt baeɛ yi, biribi a ɛte sei nsii da na yɛnhunuu bi saa da. Monnwene ho, momfa ho adwene+ na monka ho biribi.”