17 Enti Israel hene Baasa baa Yuda so, na ɔfirii aseɛ sɛ ɔrekyekyere Rama+ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a obiara remfiri adi nkɔ Yuda hene Asa nkyɛn na obiara nso remfiri ne nkyɛn mma.+
40Asɛm firi Yehowa hɔ baa Yeremia nkyɛn berɛ a awɛmfoɔ so panin Nebusaradan+ de no firi Rama+ kɔeɛ no. Berɛ a ɔfaa no no, na wɔde abankaba agu ne nsa, na na ɔka Yerusalem ne Yuda nnommum a wɔde wɔn rekɔ nkoasom mu wɔ Babilon no nyinaa ho.+