28 Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Monni m’akyi+ ɛfiri sɛ Yehowa de mo atamfo Moabfoɔ no ahyɛ mo nsa.”+ Enti wɔdii n’akyi, na wɔko faa Yordan asutwareeɛ+ no sii Moabfoɔ no kwan, na wɔamma obiara amfa hɔ.
24 Gideon tuu abɔfoɔ kɔɔ Efraim+ bepɔ nyinaa so, na ɔkaa sɛ: “Monkɔdi Midianfoɔ anim nsisi asuo no ano akwan nkɔsi Bet-Bara ne Yordan.” Enti wɔfrɛɛ Efraim mmarima nyinaa hyiaeɛ, na wɔkɔsisii asuo+ no ano akwan kɔsii Bet-Bara ne Yordan.