6 Ɛnna Yehowa honhom baa ne soɔ,+ na ɔwaee aboa no mu mmienu sɛdeɛ obi wae ɔpapo kumaa mu, nanso na ɔnkura biribiara wɔ ne nsam. Na wammɔ deɛ ɔyɛeɛ no so ankyerɛ ne papa anaa ne maame.
19 Na Yehowa honhom baa ne so,+ na ɔkɔɔ Askelon+ kɔkunkum wɔn mmarima aduasa, na ɔyii wɔn ntadeɛ maa wɔn a wɔkyerɛɛ aborɔme no ase no.+ Na ɔde abufuo kɔɔ ne papa fie.
14 Na berɛ a ɔduruu Lehi no, Filistifoɔ de osebɔ hyiaa no.+ Na Yehowa honhom+ baa ne so, na ntampehoma a wɔde akyekyere n’abasa no yɛɛ sɛ asaawa a wɔde gya afa ho,+ enti nhoma no tete firii ne nsa ho.