Exodus 20:16 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 16 “Nni wo yɔnko ho adansekunumu.+ Dwom 52:2 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 2 Wo kɛtrɛma dwene amumuyɔ ho sɛ yiwan a wɔase ano,+Nnaadaa nnwuma na ɛyɛ.+ Dwom 52:3 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 3 Wodɔ bɔne sene papa,+Na wodɔ nkontompo sene sɛ wobɛka deɛ ɛtene.+ Sela. Mmebusɛm 19:5 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 5 Ɔdansekunumufoɔ remfa ne ho nni,+ na deɛ ɔkeka atosɛm remfa ne ho nni.+ Mmebusɛm 25:18 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 18 Sɛdeɛ akontimmaa ne nkrantɛ ne agyan a wɔase ano teɛ no, saa ara na onipa a ɔdi ne yɔnko ho adansekunumu teɛ.+ Mmebusɛm 29:12 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 12 Sɛ sodifoɔ tie atosɛm a, n’asomfoɔ nyinaa bɛyɛ nnebɔneyɛfoɔ.+ Hesekiel 22:9 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 9 Ntwirifoɔ a wɔpɛ sɛ wɔhwie mogya guo ahyɛ wo mu mã,+ na wɔdi abosonnuane wɔ wo bepɔ so+ bɔ ahohwibra wɔ wo mfimfini.+ Mateo 26:59 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 59 Saa berɛ no ara nso na asɔfoɔ mpanimfoɔ ne Sanhedrin no nyinaa nso rehwehwɛ adansekunumu bi de atia Yesu na wɔagyina so aku no,+
18 Sɛdeɛ akontimmaa ne nkrantɛ ne agyan a wɔase ano teɛ no, saa ara na onipa a ɔdi ne yɔnko ho adansekunumu teɛ.+
9 Ntwirifoɔ a wɔpɛ sɛ wɔhwie mogya guo ahyɛ wo mu mã,+ na wɔdi abosonnuane wɔ wo bepɔ so+ bɔ ahohwibra wɔ wo mfimfini.+
59 Saa berɛ no ara nso na asɔfoɔ mpanimfoɔ ne Sanhedrin no nyinaa nso rehwehwɛ adansekunumu bi de atia Yesu na wɔagyina so aku no,+