Deuteronomium 15:7 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 7 “Sɛ woduru asase a Yehowa wo Nyankopɔn de ama woɔ no so na ɛhia wo nua bi wɔ wo kurom a, mma w’akoma anaa wo nsam nnyɛ den wo nua hiani no so.+ Mmebusɛm 3:27 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 27 Mfa yieyɛ nkame wɔn a ɛsɛ wɔn,+ berɛ a wowɔ tumi a wode bɛyɛ.+ Luka 11:41 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 41 Nanso, momfa deɛ ɛwɔ emu no nyɛ adɔeɛ,+ na hwɛ! nneɛma a aka nyinaa ho ate wɔ mo fam. Asomafoɔ Nnwuma 20:35 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 35 Mada no adi akyerɛ mo adeɛ nyinaa mu sɛ ɛtwa sɛ moyɛ adwumaden+ saa de boa wɔn a wɔyɛ mmerɛ+ no, na ɛsɛ sɛ mokae asɛm a Awurade Yesu no ara kaeɛ no sɛ, ‘Ɔma+ mu wɔ anigyeɛ pii sene ɔgyeɛ.’” Hebrifoɔ 13:16 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 16 Bio nso, mommma mo werɛ mmfiri papayɛ+ ne nneɛma a mo ne afoforɔ bɛkyɛ, ɛfiri sɛ afɔrebɔ a ɛtete saa no sɔ Onyankopɔn ani.+
7 “Sɛ woduru asase a Yehowa wo Nyankopɔn de ama woɔ no so na ɛhia wo nua bi wɔ wo kurom a, mma w’akoma anaa wo nsam nnyɛ den wo nua hiani no so.+
35 Mada no adi akyerɛ mo adeɛ nyinaa mu sɛ ɛtwa sɛ moyɛ adwumaden+ saa de boa wɔn a wɔyɛ mmerɛ+ no, na ɛsɛ sɛ mokae asɛm a Awurade Yesu no ara kaeɛ no sɛ, ‘Ɔma+ mu wɔ anigyeɛ pii sene ɔgyeɛ.’”
16 Bio nso, mommma mo werɛ mmfiri papayɛ+ ne nneɛma a mo ne afoforɔ bɛkyɛ, ɛfiri sɛ afɔrebɔ a ɛtete saa no sɔ Onyankopɔn ani.+