3 Sɛ motwa kɔduru hɔ a,+ montwerɛ mmara yi mu nsɛm nyinaa ngu so+ na moakɔtena asase a Yehowa mo Nyankopɔn de ama mo a nufosuo ne ɛwoɔ sene soɔ no so, sɛdeɛ Yehowa mo agyanom Nyankopɔn ka kyerɛɛ mo no.+
6 Israelfoɔ no nantee serɛ no so mfeɛ aduanan+ kɔsii sɛ ɔman no mu mmarima a wɔbɛtumi akɔ ko a wɔfiri Egypt baeɛ a wɔantie Yehowa no nyinaa ase hyeeɛ. Wɔn na Yehowa kaa wɔn ntam sɛ ɔremma wɔnhunu asase+ a Yehowa kaa wɔn agyanom ntam sɛ ɔde bɛma yɛn+ no, asase a nufosuo ne ɛwoɔ sene soɔ+ no.