Dwom 37:8 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 8 Ma abufuo ntwa, na gyae bobɔne;+Mma wo bo mmfu na woanyɛ bɔne.+ Mmebusɛm 14:17 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 17 Deɛ ne bo nkyɛre fuo di nkwaseasɛm,+ na onipa a ɔdwene deɛ, wɔtan no.+ Mmebusɛm 14:29 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 29 Deɛ ne bo kyɛre fuo no nhunumu dɔɔso,+ na deɛ ɔpere ne ho no ani gye nkwaseasɛm ho.+ Mmebusɛm 27:4 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 4 Abufuo yɛ atirimuɔden, na abufuhyeɛ+ te sɛ nsuyire; ninkuntwe deɛ, hwan na ɔbɛtumi agyina animu?+