6 Ɛnna Yehowa honhom baa ne soɔ,+ na ɔwaee aboa no mu mmienu sɛdeɛ obi wae ɔpapo kumaa mu, nanso na ɔnkura biribiara wɔ ne nsam. Na wammɔ deɛ ɔyɛeɛ no so ankyerɛ ne papa anaa ne maame.
20 Yehoiada+ ba Benaia,+ ɔkokoɔdurofoɔ aseni no yɛɛ nneɛma pii wɔ Kabseel;+ ɔno na ɔkum Moabni Ariel mma mmarima mmienu no. Ɔno ara nso na ɔsiane kɔkum gyata+ wɔ asubura mu da bi a sukyerɛmma tɔeɛ no.+