Genesis 4:5 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 5 nanso Kain ne n’afɔdeɛ no deɛ, n’ani ansɔ.+ Afei Kain bo fuu+ dendeenden na ɔkunkum n’anim. Mmebusɛm 14:30 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 30 Akoma a ɛdwoɔ yɛ honam nkwa,+ na ahoɔyaa yɛ nnompe mu porɔeɛ.+ Mmebusɛm 27:4 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 4 Abufuo yɛ atirimuɔden, na abufuhyeɛ+ te sɛ nsuyire; ninkuntwe deɛ, hwan na ɔbɛtumi agyina animu?+ Yakobo 3:16 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 16 Na baabi a ahoɔyaa+ ne mansotwe wɔ no, ɛhɔ na sakasaka ne akyiwadeɛ biara wɔ.+