Genesis 39:2 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 2 Yehowa dii Yosef akyi maa no sii no yie,+ na ne wura Egyptni no de fie hɔ hyɛɛ ne nsa. Yosua 6:27 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 27 Enti Yehowa gyinaa Yosua akyi,+ na ne din trɛɛ asase nyinaa so.+ 1 Samuel 10:7 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 7 Na saa nsɛnkyerɛnne+ yi ba mu ma wo a, yɛ deɛ wobɛtumi biara,+ ɛfiri sɛ nokorɛ Nyankopɔn di w’akyi.+ 1 Samuel 16:18 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 18 Na n’asomfoɔ no baako bɛkaa sɛ: “Hwɛ! Mahunu Betlehemni Yese ba bi a ɔnim bɔ yie;+ ɔyɛ ɔbarima kokoɔdurofoɔ a ne ho yɛ den+ ne ɔkofoɔ,+ ɔnim kasa,+ na ɔyɛ ɔbarima mũ,+ na Yehowa nso di n’akyi.”+
7 Na saa nsɛnkyerɛnne+ yi ba mu ma wo a, yɛ deɛ wobɛtumi biara,+ ɛfiri sɛ nokorɛ Nyankopɔn di w’akyi.+
18 Na n’asomfoɔ no baako bɛkaa sɛ: “Hwɛ! Mahunu Betlehemni Yese ba bi a ɔnim bɔ yie;+ ɔyɛ ɔbarima kokoɔdurofoɔ a ne ho yɛ den+ ne ɔkofoɔ,+ ɔnim kasa,+ na ɔyɛ ɔbarima mũ,+ na Yehowa nso di n’akyi.”+