Dwom 105:3 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 3 Momfa ne din kronkron no nhoahoa mo ho.+Momma wɔn a wɔhwehwɛ Yehowa no akoma nni ahurisie.+ Yesaia 45:25 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 25 Yehowa mu na Israel asefoɔ+ nyinaa bɛdi bem+ na wɔahoahoa wɔn ho.’”+ Yeremia 9:24 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 24 “Deɛ ɔhoahoa ne ho no, sɛ ɔwɔ me ho nhunumu+ ne nimdeɛ, sɛ mene Yehowa,+ Deɛ ɔyɛ adɔeɛ na ɔbu atɛntenenee na ɔyɛ adetenenee wɔ asase soɔ no a,+ ɛno mmom na ɔmfa nhoahoa ne ho, ɛfiri sɛ yei na ɛsɔ m’ani,”+ Yehowa asɛm nie. 2 Korintofoɔ 10:17 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 17 “Na deɛ ɔhoahoa ne ho no, ma no nhoahoa ne ho Yehowa mu.”+
24 “Deɛ ɔhoahoa ne ho no, sɛ ɔwɔ me ho nhunumu+ ne nimdeɛ, sɛ mene Yehowa,+ Deɛ ɔyɛ adɔeɛ na ɔbu atɛntenenee na ɔyɛ adetenenee wɔ asase soɔ no a,+ ɛno mmom na ɔmfa nhoahoa ne ho, ɛfiri sɛ yei na ɛsɔ m’ani,”+ Yehowa asɛm nie.