Nehemia 9:5 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 5 Na Lewifoɔ Yesua, Kadmiel, Bani, Hasabnia, Serebia, Hodia, Sebania ne Petahia kaa sɛ: “Monsɔre na monyi Yehowa, mo Nyankopɔn ayɛ+ nkɔsi daa daa.+ Ma wɔnkamfo w’animuonyam din+ a wɔama so atra nkamfoɔ ne ayeyie nyinaa no. Dwom 69:30 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 30 Mede nnwontoɔ bɛyi Onyankopɔn din ayɛ,+Na mede aseda bɛkamfo no.+ Dwom 69:31 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 31 Yei bɛsɔ Yehowa ani asene nantwie,+Nantwinini a ɔwɔ mmɛn a ne nan mu apaeɛ.+ Dwom 72:19 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 19 Nhyira nka n’animuonyam din no daa daa;+N’animuonyam nhyɛ asase nyinaa so ma.+Amen ne Amen.
5 Na Lewifoɔ Yesua, Kadmiel, Bani, Hasabnia, Serebia, Hodia, Sebania ne Petahia kaa sɛ: “Monsɔre na monyi Yehowa, mo Nyankopɔn ayɛ+ nkɔsi daa daa.+ Ma wɔnkamfo w’animuonyam din+ a wɔama so atra nkamfoɔ ne ayeyie nyinaa no.