19 Bio nso ɔmaa+ ɔmanfoɔ no, Israel ɔman mũ no nyinaa, ɔbarima ne ɔbaa biara, paanoo a ɛte sɛ kawa baako ne nkyiresia taterɛ ne bobe taterɛ,+ na ɛno akyi no, ɔmanfoɔ no nyinaa kokɔɔ wɔn afie.
66 Na da a ɛtɔ so nwɔtwe no, ɔgyaa ɔman no kwan,+ na wɔhyiraa ɔhene de anigyeɛ+ ne akomatɔyam+ kokɔɔ wɔn afie, adepa+ a Yehowa ayɛ ama n’akoa Dawid ne ne man Israel nyinaa nti.