2 na Dawid ka kyerɛɛ Israel asafo no nyinaa sɛ: “Sɛ ɛyɛ wɔ mo ani so na ɛtene Yehowa yɛn Nyankopɔn anim a, momma yɛnsoma nkɔ yɛn nuanom nkaeɛ a wɔwɔ Israel+ asase soɔ nyinaa, ne asɔfoɔ+ ne Lewifoɔ+ a wɔwɔ wɔn nkuro+ mu ne ɛho mfikyisase soɔ no nkyɛn sɛ wɔmmoaboa wɔn ano mmra yɛn nkyɛn,