11 “Ɔsɔfoɔ Aaron ba Eleasar ba Finehas+ asianka m’abufuo+ afiri Israelfoɔ no so, ɛfiri sɛ ɔtwee ninkunu maa me wɔn mu.+ Yei amma me ara mantwe ninkunu+ antɔre Israelfoɔ no ase.
30 Berɛ a ɔsɔfoɔ Finehas+ ne asafo no mu mpanimfoɔ+ ne wɔn a wɔdeda Israel mpempem ano a wɔka ne ho no tee asɛm a Rubenfoɔ ne Gadfoɔ ne Manasefoɔ kaeɛ no, wɔhunuu sɛ ɛtɔ asomu.
28 Ná Aaron ba Eleasar ba Finehas+ na ɔgyina adaka no anim,+ na ɔkaa sɛ: “Mensan nkɔ ne me nua Benyamin nkɔko anaa mennyae?”+ Ɛnna Yehowa kaa sɛ: “Kɔ, ɛfiri sɛ ɔkyena mede no bɛhyɛ wo nsa.”+