16Akyire yi, Yehowa ka kyerɛɛ Samuel sɛ: “Wobɛdi Saul ho awerɛhoɔ akɔsi da bɛn,+ berɛ a mapo no sɛ ɔnnni Israel so hene no?+ Fa ngo+ gu w’abɛn mu na sim kɔ, na meresoma wo akɔ Betlehemni Yese+ nkyɛn, ɛfiri sɛ ne mma mu na mayi ɔhene.”+
13 Enti Samuel faa abɛn a ngo+ wom no, na ɔsraa no ne nuanom mu. Na Yehowa honhom sii Dawid so ɛfiri saa da no rekorɔ.+ Akyire yi, Samuel sɔre siim kɔɔ Rama.+
10 Yeinom ne nnɔmmarima+ mu atitire a na wɔka Dawid ho. Wɔn na wɔne Israel nyinaa taa n’akyi dendeenden wɔ n’ahennie mu, na wɔsii no hene sɛdeɛ Yehowa asɛm+ a ɔkaa no Israel ho no teɛ.