Mmebusɛm 11:10 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 10 Ateneneefoɔ papayɛ ma ɔman ho sɛpɛ no,+ na abɔnefoɔ yera a, anigyeɛ ba.+ Mmebusɛm 29:2 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 2 Ateneneefoɔ dɔɔso a, ɔman di ahurisie;+ na ɔdebɔneyɛfoɔ di so a, ɔmanfoɔ si apini.+ Ɔsɛnkafoɔ 10:19 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 19 Aduane ma adwumayɛfoɔ sere, na nsã nso ma asetena yɛ dɛ;+ nso sika na wɔde yɛ biribiara.+