Exodus 40:15 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 15 Na sra wɔn sɛdeɛ wosraa wɔn papa no+ ma wɔnsom m’anim sɛ asɔfoɔ. Sra a wobɛsra wɔn no bɛma wɔabɛyɛ asɔfoɔ daa, wɔn awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa mu.”+ Numeri 8:15 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 15 Ɛno akyi no, Lewifoɔ no bɛsom ahyiaeɛ ntomadan no mu.+ Enti te wɔn ho na him wɔn kɔ benkum ne nifa sɛ ohim afɔdeɛ.+ Numeri 18:2 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 2 Afei fa wo nuanom, Lewi abusuakuo, a wɔyɛ w’agya fiefoɔ no ka wo ho na wɔnsom wo+ ne wo mma wɔ Adanseɛ ntomadan+ no anim. Deuteronomium 21:5 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 5 “Lewi mma asɔfoɔ no mmra hɔ ɛfiri sɛ wɔn na Yehowa wo Nyankopɔn ayi wɔn sɛ wɔnsom no+ na wɔmfa Yehowa din nhyira,+ na sɛ obi pira ne yɔnko na asɛm sɔre a, wɔn anom asɛm so na wɔbɛgyina abua asɛm no.+
15 Na sra wɔn sɛdeɛ wosraa wɔn papa no+ ma wɔnsom m’anim sɛ asɔfoɔ. Sra a wobɛsra wɔn no bɛma wɔabɛyɛ asɔfoɔ daa, wɔn awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa mu.”+
15 Ɛno akyi no, Lewifoɔ no bɛsom ahyiaeɛ ntomadan no mu.+ Enti te wɔn ho na him wɔn kɔ benkum ne nifa sɛ ohim afɔdeɛ.+
2 Afei fa wo nuanom, Lewi abusuakuo, a wɔyɛ w’agya fiefoɔ no ka wo ho na wɔnsom wo+ ne wo mma wɔ Adanseɛ ntomadan+ no anim.
5 “Lewi mma asɔfoɔ no mmra hɔ ɛfiri sɛ wɔn na Yehowa wo Nyankopɔn ayi wɔn sɛ wɔnsom no+ na wɔmfa Yehowa din nhyira,+ na sɛ obi pira ne yɔnko na asɛm sɔre a, wɔn anom asɛm so na wɔbɛgyina abua asɛm no.+