2 Na Ahasia firii ne dan a ɛwɔ Samaria no atifi+ tokuro mu bɛhwee fam,+ na ɛbɔɔ no yareɛ. Enti ɔsomaa abɔfoɔ, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Monkɔ nkɔbisa+ Ekron+ nyame Baal-Sebub+ mma me sɛ mɛfiri yareɛ yi mu afiri anaa.”+
16 Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Deɛ Yehowa aka nie, ‘Onyankopɔn bi nni Israel a wobɛtumi abisa ne hɔ adeɛ nti na woasoma abɔfoɔ+ sɛ wɔnkɔ Ekron+ nyame Baal-Sebub hɔ abisa yi? Yei nti mpa a woaforɔ no, worensi mfiri so, ɛfiri sɛ owuo na wobɛwuo.’”
2 Ɛnna ɔdehunufoɔ+ Hanani+ ba Yehu+ baa Ɔhene Yehosafat anim bɛka kyerɛɛ no sɛ: “Nnebɔneyɛfoɔ na woboa wɔn,+ na wɔn a wɔtan+ Yehowa na ɛsɛ sɛ wodɔ+ wɔn anaa? Deɛ woayɛ yi nti, Yehowa abufuo+ wɔ wo so.