-
2 Berɛsosɛm 31:1Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
31 Na wɔwiee yeinom nyinaa pɛ, Israelfoɔ+ a wɔwɔ hɔ nyinaa kɔɔ Yuda nkuro mu,+ na wɔkɔbubuu abosom adum+ twitwaa abosonnua,+ na wɔbubuu sorɔnsorɔmmea+ ne afɔrebukyia+ a ɛwowɔ Yuda+ ne Benyamin ne Efraim+ ne Manase+ nyinaa kɔsii sɛ ɛsaeɛ; ɛno akyi no, Israelfoɔ no san kɔɔ wɔn nkuro mu, na obiara kɔɔ n’agyapadeɛ so.
-