2 Ahemfo 23:29 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 29 Ne nna mu na Egypt hene Farao Neko+ baa Asiria hene nkyɛn wɔ asubɔnten Eufrate+ ho, na Ɔhene Yosia firii adi sɛ ɔne no de rekɔsi ani,+ nanso berɛ a ɔhunuu no ara na ɔkum+ no wɔ Megido.+ Mmebusɛm 3:30 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 30 Wo ne obi nnham ɔhamhunu,+ berɛ a ɔnyɛɛ wo bɔne+ biara. Mmebusɛm 26:17 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 17 Deɛ ɔretwam a ɔde n’ano to ntɔkwa a ɛmfa ne ho mu+ te sɛ deɛ ɔsɔ kraman aso.
29 Ne nna mu na Egypt hene Farao Neko+ baa Asiria hene nkyɛn wɔ asubɔnten Eufrate+ ho, na Ɔhene Yosia firii adi sɛ ɔne no de rekɔsi ani,+ nanso berɛ a ɔhunuu no ara na ɔkum+ no wɔ Megido.+