6Berɛ a Israelfoɔ firi Egypt asase so baeɛ+ no afe a ɛtɔ so ahanan aduɔwɔtwe a ɛyɛ Solomon afe a ɛtɔ so nnan+ berɛ a ɔbɛyɛɛ Israel hene no, ɔfirii aseɛ sɛ ɔresi fie ama Yehowa+ wɔ bosome Siw,+ bosome a ɛtɔ so mmienu+ no mu.
3Na Solomon firii aseɛ sii Yehowa fie+ no wɔ Yerusalem, Bepɔ Moria+ so, baabi a Yehowa yii ne ho adi kyerɛɛ ne papa Dawid,+ bea a Dawid siesiee no Yebusini Ornan ayuporobea+ hɔ no.