11Berɛ a Rehoboam bɛduruu Yerusalem+ no, ntɛm ara na ɔboaboaa Yuda ne Benyamin+ fie nnɔmmarima a wɔayi wɔn, mpem ɔha aduɔwɔtwe,+ ano sɛ wɔne Israel rekɔko na wɔasan adane ahennie no ama Rehoboam.
3 Abia de asraafoɔdɔm, nnɔmmarima mpem ahanan a wɔahyɛ da ayi wɔn+ kɔɔ ɛko no. Na Yeroboam nso de mmarima akokoɔdurofoɔ a wɔn ho yɛ den mpem ahanwɔtwe a wɔahyɛ da ayi wɔn+ kɔhyiaa no.