20 Na mede wɔn bɛba asase a nufosuo ne ɛwoɔ sene soɔ+ a mekaa ho ntam kyerɛɛ wɔn agyanom no so,+ na wɔbɛdidi+ amee ayeyɛ akɛse.+ Afei wɔbɛkɔ akɔdi anyame foforɔ akyi+ akɔsom wɔn, na me deɛ, wɔbɛtiatia m’anim abu m’apam so.+
9 ɛrenyɛ sɛ apam+ a me ne wɔn agyanom yɛɛ no da a mesosɔɔ wɔn nsa yii wɔn firii Egypt asase soɔ+ no, ɛfiri sɛ wɔankɔ so antena m’apam mu,+ enti manhwɛ wɔn bio,’ Yehowa asɛm nie.”+