1 Samuel 2:4 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 4 Ehu hyɛ ahoɔdenfoɔ a wɔnim agyan toɔ mã,+Nanso wɔn a wɔyɛ mmerɛ ahoɔden dɔɔso.+ 2 Samuel 22:40 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 40 Wode ahoɔden bɛbɔ me abɔsoɔ ama ɔsa,+Na wobɛma wɔn a wɔsɔre tia me ahwe ase me nan ase.+ Dwom 18:32 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 32 Nokorɛ Nyankopɔn no na ɔde ahoɔden+ bɔ me abɔsoɔ,Na ɔbɛma me kwan ayɛ pɛ;+ Dwom 84:7 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 7 Wɔnante firi ahoɔden mu kɔ ahoɔden mu;+Wɔn mu biara bɛpue Onyankopɔn anim wɔ Sion.+ Yesaia 40:29 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 29 Ɔma deɛ wabrɛ no tumi,+ na deɛ ɔnni ahoɔden+ pii no ɔma no nya no mmorosoɔ. 2 Korintofoɔ 4:7 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 7 Nanso yɛwɔ saa ademudeɛ+ yi wɔ anwenneɛ+ mu sɛdeɛ ɛbɛyɛ a tumi+ a ɛboro onipa deɛ soɔ no bɛyɛ Onyankopɔn dea,+ na anyɛ yɛn ara yɛn dea.+ Filipifoɔ 4:13 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 13 Adeɛ nyinaa mu mewɔ ahoɔden, deɛ ɔhyɛ me den no nti.+
7 Nanso yɛwɔ saa ademudeɛ+ yi wɔ anwenneɛ+ mu sɛdeɛ ɛbɛyɛ a tumi+ a ɛboro onipa deɛ soɔ no bɛyɛ Onyankopɔn dea,+ na anyɛ yɛn ara yɛn dea.+