Hiob 9:10 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 10 Wayɛ nneɛma akɛseɛ a ɛnni hwehwɛbea,+Ne anwanwadeɛ a ɛnni ano.+ Hiob 42:2 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 2 “Mahunu sɛ wotumi adeɛ nyinaa yɛ,+Na biribiara nsõ wo yɛ.+ Dwom 92:5 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 5 O Yehowa, hwɛ sɛdeɛ wo nnwuma yɛ akɛseɛ!+W’adwene mu dɔ yie.+ Dwom 98:1 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 98 Monto dwom foforɔ mma Yehowa,+Na nneɛma a wayɛ no yɛ nwanwa.+Ne nsa nifa, ne basa kronkron no, ayɛ nkwagyeɛ adwuma ama no.+ Dwom 104:24 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 24 O Yehowa, hwɛ sɛdeɛ wo nnwuma dɔɔso fa!+Nyansam na woayɛ ne nyinaa.+Wo nsa ano adwuma ahyɛ asase so mã.+ Dwom 139:14 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 14 Mɛkamfo wo ɛfiri sɛ sɛdeɛ woyɛɛ me no yɛ hu na ɛyɛ nwanwa.+Wo nnwuma yɛ nwanwa,+Na me kra nim saa yie.+ Yesaia 40:12 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 12 Hwan na ɔsusu nsuo wɔ ne nsayam+ ne ɔsoro wɔ ne nsam,+ na ɔde susukoraa susu asase so mfuturo,+ na ɔde nsania kari mmepɔ anaa abrammoɔ kari nkokoɔ? Adiyisɛm 15:3 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 3 Na wɔreto Onyankopɔn akoa Mose dwom+ ne Adwammaa no dwom+ sɛ: “Yehowa Nyankopɔn, adeɛ nyinaa so Tumfoɔ,+ wo nnwuma yɛ akɛseɛ na ɛyɛ nwanwa.+ Mmerɛsanten Hene,+ w’akwan tene na ɛyɛ nokorɛ.+
98 Monto dwom foforɔ mma Yehowa,+Na nneɛma a wayɛ no yɛ nwanwa.+Ne nsa nifa, ne basa kronkron no, ayɛ nkwagyeɛ adwuma ama no.+
24 O Yehowa, hwɛ sɛdeɛ wo nnwuma dɔɔso fa!+Nyansam na woayɛ ne nyinaa.+Wo nsa ano adwuma ahyɛ asase so mã.+
14 Mɛkamfo wo ɛfiri sɛ sɛdeɛ woyɛɛ me no yɛ hu na ɛyɛ nwanwa.+Wo nnwuma yɛ nwanwa,+Na me kra nim saa yie.+
12 Hwan na ɔsusu nsuo wɔ ne nsayam+ ne ɔsoro wɔ ne nsam,+ na ɔde susukoraa susu asase so mfuturo,+ na ɔde nsania kari mmepɔ anaa abrammoɔ kari nkokoɔ?
3 Na wɔreto Onyankopɔn akoa Mose dwom+ ne Adwammaa no dwom+ sɛ: “Yehowa Nyankopɔn, adeɛ nyinaa so Tumfoɔ,+ wo nnwuma yɛ akɛseɛ na ɛyɛ nwanwa.+ Mmerɛsanten Hene,+ w’akwan tene na ɛyɛ nokorɛ.+