Genesis 18:14 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 14 Biribi yɛ den ma Yehowa anaa?+ Mɛsan aba wo nkyɛn saa berɛ yi afe sɛsɛɛ, na ɛbɛduru hɔ no na Sara anya ɔbabarima.” Yesaia 43:13 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 13 Bio nso, mete sɛdeɛ meteɛ berɛ nyinaa;+ na obiara ntumi nnye mfiri me nsam.+ Mɛkanyan me ho,+ na hwan na ɔbɛtumi abɔ me nsa atwene?”+ Yeremia 32:17 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 17 “O Awurade Tumfoɔ Yehowa!+ Hwɛ, wo na wode wo tumi+ ne wo basa a woatene mu+ yɛɛ ɔsoro ne asase. Wo deɛ, asɛm no nyinaa mmoro w’ahoɔden so,+ Marko 10:27 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 27 Yesu hwɛɛ wɔn anim, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Nnipa fam deɛ, ɛrentumi nyɛ yie, nanso ɛnte saa Onyankopɔn fam, ɛfiri sɛ Onyankopɔn fam deɛ adeɛ nyinaa bɛtumi ayɛ yie.”+ Luka 18:27 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 27 Ɔkaa sɛ: “Deɛ ɛrentumi nyɛ yie wɔ nnipa fam no bɛtumi ayɛ yie wɔ Onyankopɔn fam.”+
14 Biribi yɛ den ma Yehowa anaa?+ Mɛsan aba wo nkyɛn saa berɛ yi afe sɛsɛɛ, na ɛbɛduru hɔ no na Sara anya ɔbabarima.”
13 Bio nso, mete sɛdeɛ meteɛ berɛ nyinaa;+ na obiara ntumi nnye mfiri me nsam.+ Mɛkanyan me ho,+ na hwan na ɔbɛtumi abɔ me nsa atwene?”+
17 “O Awurade Tumfoɔ Yehowa!+ Hwɛ, wo na wode wo tumi+ ne wo basa a woatene mu+ yɛɛ ɔsoro ne asase. Wo deɛ, asɛm no nyinaa mmoro w’ahoɔden so,+
27 Yesu hwɛɛ wɔn anim, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Nnipa fam deɛ, ɛrentumi nyɛ yie, nanso ɛnte saa Onyankopɔn fam, ɛfiri sɛ Onyankopɔn fam deɛ adeɛ nyinaa bɛtumi ayɛ yie.”+