32 “Afei hwɛ berɛ a atwam,+ ɛfiri berɛ a Onyankopɔn bɔɔ onipa too asase soɔ,+ ɛfiri ɔsoro ano kɔsi ɔsoro ano, na bisa sɛ, Obi ahunu adekɛseɛ a ɛte saa anaa wate ho asɛm pɛn?+
20 Afei wɔhyɛnee mmɛn+ no, na nkurɔfoɔ no teaam. Berɛ a ɔman no tee abɛn no a wɔteaam dendeenden no, ɔfasuo no dwiri guu fam.+ Afei obiara de n’ani kyerɛɛ kuro no mu na wɔfaa kuro no.
13 Enti awia gyinaeɛ, na bosome nso gyinaeɛ kɔsii sɛ ɔman no tuaa n’atamfo ka.+ Wɔntwerɛɛ yei ho asɛm wɔ Yasar+ nwoma mu anaa? Awia gyinaa wiem, na ampere ne ho ankɔtɔ bɛyɛ da mũ nyinaa.+