Dwom 61:7 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 7 Ɔbɛtena Onyankopɔn anim afebɔɔ;+O ma adɔeɛ ne nokorɛ mmɔ ne ho ban.+ Dwom 66:20 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 20 Nhyira nka Onyankopɔn a wanyi n’aso amfiri me mpaebɔ ho,Na wanyi n’adɔeɛ nso amfiri me soɔ no.+ Dwom 89:1 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 89 Mɛto Yehowa adɔeɛ ho dwom akɔsi daa.+Mede m’ano bɛka wo nokorɛdie ho asɛm awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa mu.+ Dwom 138:2 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 2 Mɛkoto de m’ani akyerɛ w’asɔrefie kronkron no,+Na mɛkamfo wo din,+W’adɔeɛ+ ne wo nokorɛ nti.+Ɛfiri sɛ woama w’asɛm so+ atra wo din mpo.+ Mika 7:20 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 20 Wobɛda wo nokorɛdie adi akyerɛ Yakob na woada w’adɔeɛ adi akyerɛ Abraham sɛdeɛ wokaa yɛn agyanom ntam firi teteete no.+ Romafoɔ 3:4 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 4 Ɛrentumi mma saa da! Na mmom momma Onyankopɔn nyɛ ɔnokwafoɔ,+ ɛwom, onipa biara bɛyɛ ɔtorofoɔ,+ sɛdeɛ wɔatwerɛ sɛ: “Deɛ ɛbɛyɛ a wobɛdi bem wo nsɛm mu, na sɛ wɔbu wo atɛn a woadi nkonim.”+
89 Mɛto Yehowa adɔeɛ ho dwom akɔsi daa.+Mede m’ano bɛka wo nokorɛdie ho asɛm awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa mu.+
2 Mɛkoto de m’ani akyerɛ w’asɔrefie kronkron no,+Na mɛkamfo wo din,+W’adɔeɛ+ ne wo nokorɛ nti.+Ɛfiri sɛ woama w’asɛm so+ atra wo din mpo.+
20 Wobɛda wo nokorɛdie adi akyerɛ Yakob na woada w’adɔeɛ adi akyerɛ Abraham sɛdeɛ wokaa yɛn agyanom ntam firi teteete no.+
4 Ɛrentumi mma saa da! Na mmom momma Onyankopɔn nyɛ ɔnokwafoɔ,+ ɛwom, onipa biara bɛyɛ ɔtorofoɔ,+ sɛdeɛ wɔatwerɛ sɛ: “Deɛ ɛbɛyɛ a wobɛdi bem wo nsɛm mu, na sɛ wɔbu wo atɛn a woadi nkonim.”+