11 Hwɛ, me papa,+ hwɛ sɛ w’atadeɛ ngugusoɔ ano kura me nsam. Metwaa w’atadeɛ ngugusoɔ ano nanso manku wo. Hwɛ na hunu sɛ bɔne+ anaa atuateɛ bi nni me nsam, na menyɛɛ wo bɔne, nanso wo deɛ, woatɛ me kra pɛ sɛ woyi firi hɔ.+
8 Ɔdasani, waka deɛ ɛyɛ akyerɛ wo.+ Na ɛdeɛn na Yehowa hwehwɛ firi wo hɔ? Ɛno ara ne sɛ wobɛdi asɛntenenee+ na woadɔ ayamyɛ+ na woabrɛ wo ho ase+ ne wo Nyankopɔn ananteɛ.+
12 Yei ne deɛ yɛde hoahoa yɛn ho a yɛn ahonim di ho adanseɛ,+ sɛ kronnyɛ ne nokorɛdie a ɛfiri Onyankopɔn mu, a ɛnyɛ nnipa nyansa,+ na mmom Onyankopɔn adom, na yɛde abɔ yɛn bra wɔ wiase, ne titire no ɛkwan a yɛfaa so ne mo diiɛ no mu.