Genesis 13:8 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 8 Ɛnna Abram ka kyerɛɛ Lot+ sɛ: “Mesrɛ wo, mma akasakasa biara mmma me ne wo ntam anaa me mmoahwɛfoɔ ne wo mmoahwɛfoɔ ntam, ɛfiri sɛ yɛyɛ anuanom.+ Genesis 45:24 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 24 Afei ɔgyaa ne nuanom kwan maa wɔsiim. Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Monhwɛ na obiara bo ankɔfu ne yɔnko wɔ kwan so.”+ Yohane 13:35 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 35 Sɛ mododɔ mo ho a, ɛno na ɛbɛma nnipa nyinaa ahunu sɛ moyɛ m’asuafoɔ ampa.”+ Yohane 17:21 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 21 sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔn nyinaa bɛyɛ baako,+ sɛdeɛ wo, Agya no, wowɔ me mu na me nso mewɔ wo mu no,+ na wɔn nso ne yɛn ayɛ baako+ na ama wiase agye adi sɛ wo na wosomaa me.+ Kolosefoɔ 3:14 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 14 Na yeinom nyinaa akyi no, monhyɛ ɔdɔ+ ɛfiri sɛ ɛyɛ koroyɛ homa+ a ɛyɛ pɛ. Hebrifoɔ 13:1 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 13 Momma mo nuadɔ nkɔ so.+
8 Ɛnna Abram ka kyerɛɛ Lot+ sɛ: “Mesrɛ wo, mma akasakasa biara mmma me ne wo ntam anaa me mmoahwɛfoɔ ne wo mmoahwɛfoɔ ntam, ɛfiri sɛ yɛyɛ anuanom.+
24 Afei ɔgyaa ne nuanom kwan maa wɔsiim. Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Monhwɛ na obiara bo ankɔfu ne yɔnko wɔ kwan so.”+
21 sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔn nyinaa bɛyɛ baako,+ sɛdeɛ wo, Agya no, wowɔ me mu na me nso mewɔ wo mu no,+ na wɔn nso ne yɛn ayɛ baako+ na ama wiase agye adi sɛ wo na wosomaa me.+